Jump to content

Mmomome(Gyama)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Mmomome yɛ [1]nneyɔeu bi a Akanfoɔ yɛ de kanyan wɔn ho wɔ wɔn dwumadie ahodoɔ mu. Sɛ ebia,ɔko mu, agorɔ mu ne ade. Ne yɛ mu no, wɔka no sɛ wɔretwe mmomome

Wɔn a Wɔtwe Mmomome

[sesa]

Tete no, sɛ ɔko ba na mmarima a wɔwɔ kuro bi so no nyinaa kɔ akono a, mmaa a woagya wɔn akyiri no twe mmomome de srɛ Onyankopɔn ne abosom sɛ wɔmma wɔn kununom ne wɔn nnuanom mmarima mfa nkonimdie mmra fie.[2][3]

Sɛdeɛ Wɔtwe Mmomome

[sesa]

Ɛne sɛ, mmaa no nyinaa sɔre anɔpatutuutu kɔ nsommɛ so koyi mmusuo toto nnwom fi tia kɔ tia. Wokurakura mmodua a wode ɛdowa na ayɛ na wohim kɔ tia ba tia. Wofi hɔ a wɔn nyinaa bɛdware bobɔ hyire na woakɔhyiam wɔ abɔnten so. Ɛhɔ na wɔhyɛ nnwom no ase twe mmomome no fi tia kɔ tia.[4]

Awia nso wɔkɔfurafura ntama fitaa san bɛtoa so tu abɔnten sɛnea wɔadi nkonim no. Eduru anadwo a na wɔaka mmarima no a aka fi no nyinaa agu adan mu. Afei wɔbɔ wɔn ho adagya a nhwenneɛ na egugu wɔn asene mu. Afei na wɔafa wɔn atam akurakura atu mmɔnten so. Wɔreto nnwom no nyinaa na wɔrenyam.[5]

Nhwɛsoɔ

[sesa]

Awurade Nyame ee, sɔre

Ɔsaagyefo nna oo!

Ade akye oo, nna oo!

Ɔsaagyefo nna oo!

Ade akye oo!

Kɔhwɛ wo mma

Sama Bɔfo, sore oo!

Ɔsaagyefo nna oo!

Ade akye oo!

Kohwe wo mma

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Morale and Music (in English), retrieved 2025-08-17
  2. https://study.com/academy/lesson/staff-morale-definition-importance.html#:~:text=Why, retrieved 2025-08-17 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  3. Morale and Music (in English), retrieved 2025-08-17
  4. Morale and Music (in English), retrieved 2025-08-17
  5. Morale and Music (in English), retrieved 2025-08-17