Jump to content

Mmere Dane

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Mmere Dane

Adinkra ahyɛnsodeɛ "Mmere Dane" yɛ Akanfoɔ ahyɛnsodeɛ no mu baako a ɛkyerɛ sɛ "berɛ tumi sesa". Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma bere papa ne bere bɔne ne abrabɔ mu afrosiane.

ABAKƆSƐM

[sesa]

Adinkra ahyɛnsodeɛ "Mmere Dane" firi Gyaman, Bonoman mu a ɛyɛ wɔn hene Nana Kwadwo Agyemang Adinkra ahyɛnsodeɛ. Wɔn nkuguo a wɔdii no wɔ wɔne Asante ko no no mu no, na ɛmaa wɔn amammerɛ ne amanneɛ bɛhyetaa Asanteman mu.[1]

Adinkra ntoma a akyɛre yie pa ara bɛyɛ afe apem ahanwɔtwe ne du nson no wɔ saa mmere dane ahyɛnsodeɛ yi pii wɔ mu. Amammerɛ mu no, na ɛduru adwabɔ kɛseɛ a, na  nhenfo ne akɔmfoɔ na na wɔhyɛ adinkra ntoma no. Nanso ɛnnɛ yi no, obiara tumi hyɛ kɔ adwabɔ biara ase.

Tete berɛ no mu no, Akanfoɔ hwɛ hunuu sɛ, yɛnni mmerɛ ɛnka so; sɛ ɛyɛ papa oo sɛ ɛyɛ bɔne oo, ɛrennka hɔ da!. Ɛno na ɛmaa wɔde nyaa saa ahyɛnsodeɛ yi. Mmere Dane bɔ nnipa nkaeɛ sɛ mmerɛ pa nanso ɛnkyɛ, ɛno nti ɛnsɛ sɛ woma wo ho so,sɛ saa berɛ pa no ba a. Saa nso na bere bɔne nso ba nanso ɛnkyɛ nanso ɛwɔ sɛ wotintim.[2]

NE NKYERƐKYERƐMU

[sesa]

Saa ahyɛnsodeɛ yi ma yɛhunu Akanfoɔ tirimupɔ a wɔwɔ fa nsesaeɛ ne berɛ a ɛdi adaneadane ho, na ɛkae nnipa sɛ berɛ papa ba nanso ɛnkyɛ nanso nsesaeɛ deɛ ɛgyina deɛ ɛgyina. Saa nteaseɛ soronko a ɛwɔ berɛ ne nsesaeɛ mu no da adi wɔ Akanfoɔ nyansa mu.Na ɛno na ɛma wɔkasa kyerɛ nnipa sɛ ɛwɔ sɛ nipa biara berɛ ne ho ase, na ɛne nnipa nya nkitahodie, na afei wɔnya anidasoɔ wɔ abrabɔ mu.[3]

N’ABOSUO

[sesa]

Sɛ wohwɛ adinkra ahyɛnsodeɛ mmere dane a, ɛte sɛ ahwehwɛ a wɔatwa kanko atwa ho ahyia a abaa teaa sa mfimfini. Saa abaa teaa no na ɛkyerɛ abrabɔ ahyɛaseɛ, na kanko no nso kyerɛ sɛdeɛ wiase abrabɔ kɔ ntwaho no.[4][5]

SƐDEƐ WƆNYAA EDIN MMERE DANE

[sesa]

Akanfoɔ nyaa Adinkra ahyɛnsodeɛ "Mmere Dane" firii  Akanfoɔ nteaseɛ a wɔwɔ fa abrabɔ mu afrosiane ho ne sɛdeɛ nnipa hyɛbrɛ tumi sesa mpofirem.

MMERE DANE DWUMADIE WƆ ABIBIFOƆ MU

[sesa]

Adinkra ahyɛnsodeɛ mmere dane di dwuma pa ara wɔ Abibifoɔ mu. Ɛne sɛn; Abibifoɔ wɔ gyidie bi sɛ dwuma biara a onipa di no, ɔde berɛ na ɛyɛ adwuma. Saa na tebea biara a onipa kɔ mu no, ɛwɔ ne berɛ. Akanfoɔ wɔ asɛm bi a wɔtaa ka sɛ, " Onyankopɔn berɛ na ɛyɛ berɛ pa". Enti onipa biara no, adeɛ biara a ɛbɛto wo no, ɛrennka hɔ da.Ɛnyɛ dɛn ara a, berɛ bi bɛba a wo nso wo ho bɛtɔ wo. Enti Abibifoɔ de adinkra ahyɛnsodeɛ mmere dane" bɔ nnipa nkaeɛ sɛ tebea biara a worekɔ mu no nya anidasoɔ sɛ ɛbɛtumi asesa bere biara.

BEAEƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ

[sesa]
  1. Nana Kwabena (2020-09-15), Adinkra Symbols & Meanings (in English), retrieved 2025-05-29
  2. Mmere Dane (in American English), 2017-08-03, retrieved 2025-05-29
  3. Mmere Dane – Adinkra symbol - Symbolikon Worldwide Symbols (in American English), retrieved 2025-05-29
  4. Nana Kwabena (2020-09-15), Mmere Dane (in English), retrieved 2025-05-29
  5. Adinkra Symbols of West Africa: Mmere Dane, retrieved 2025-05-29