Mmɛ
Mmɛ firi tete, ɛyɛ adeɛ a Akanfoɔ de di dwuma. Akanfoɔ gyedi sɛ nipa baako na ɔhyɛɛ aseɛ de mmɛ dii dwuma na ɛnam so ama abɛyɛ nnipa dodoɔ nyinaa adeɛ a wɔn nso de di dwuma.[1] Ɛyɛ nsɛm a yɛnntwerɛ ntoo hɔ na mmom ɛyɛ anom kasadwini nsɛm a yɛde gya nkyirimma. Ɛyɛ nsɛm tiawa bi a ɛtɔ asom na yɛde tu fo.[2]
Abɛbuo hyɛɛ aseɛ wɔ U.S man mu ne aman afoforɔ a ɛwɔ British man mu. Abɛbuo wɔ British man mu ne America man mu no ho hia na nsonsoneɛ wɔ mu.[3] Ɛbɛ yɛ nyansa kasa a ɛmu dɔ yie a yɛn nananom tetefoɔ no nam mu no wɔn nyansa ne wɔn suahunu ne nneɛma a ɛsisii wɔ wɔn abrabɔ ahyehyɛ de agya nkyirimma.
Mfasoɔ
[sesa]Abɛbuo yɛ nsɛm tiawa bi a ɛyi nnipa adwenpo adi, atenka, atetesɛm, suban, gyedie ne nnoɔma a woafa mu. Asɛm yi yɛ nokorɛ ɛfiri sɛ, abɛbuo nnyɛ nsɛm bi a ɛwo na mmom ɛyɛ nsɛm tiawa bi nyansa wo mu na ɛtu fo. Abɛbuo ama awerefoɔ bebree ahwehwa nkyerɛaseɛ ahodoɔ wɔ mfeɛ bebree mu. Atwerɛfoɔ a wɔn ano ate wɔ Akan kasa no mu abɔ mmɔden apɛ mmuaeɛ a nimdeɛ wɔ mu afa mmɛ ho.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ J. Mpungose (2010), "Constructing principals' professional identities through life stories: an exploration", South African Journal of Education (in English), vol. 30, no. 4, doi:10.15700/saje.v30n4a387, ISSN 2076-3433, retrieved 2025-07-02
- ↑ "Oxford English Dictionary", wikious.com (in English), retrieved 2025-07-02
- ↑ Eric S. Donkor, Patience B. Tetteh-Quarcoo, Patrick Nartey, Isaac O. Agyeman (2012-10-05), "Self-Medication Practices with Antibiotics among Tertiary Level Students in Accra, Ghana: A Cross-Sectional Study", International Journal of Environmental Research and Public Health (in English), vol. 9, no. 10, pp. 3519–3529, doi:10.3390/ijerph9103519, ISSN 1660-4601, retrieved 2025-07-02
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)