Jump to content

Mmɔguo

Ɛfi Wikipedia

Mmɔguo yɛ nnwom a atiefoɔ a wɔretie anansesɛm na wɔpagya na ɔtofoɔ no pɛ a wato bi. Mmɔguo nyɛ anansesɛm no fa bi, na mmom ɛka anansesɛm ho. Afei nso, yɛtumi to mmɔguo koro no ara wɔ anansesɛm ahodoɔ pii mu. Ansa na atiefoɔ bɛbɔ mmɔguo no, wכbכ כtofoɔ no nkaeɛ sɛ; "Akora so wo bodua mu".

Sɛ wɔka saa asɛm yi a, ɛsɛ sɛ ɔtofoɔ ne gyae anansesɛm no toɔ ma atiefoɔ no bɔ mmɔguo no. Wɔde saa nnwom yi pia nsɛm no ma no yɛ dɛ. Obi reyɛ ada mpo a, nnwom no tumi nyane no. Afei ɛboa ma ɔtofoɔ no gye n'ahome na ɛma no kaakae baabi a ne werɛ reyɛ afirie.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]

1.https://read.dukeupress.edu/common-knowledge/article-abstract/24/3/498/135502/Interlude-1924

2.https://www.jstor.org/stable/3701615

3.https://arxiv.org/abs/2403.10658