Jump to content

Marie-Madeleine Mborantsuo

Ɛfi Wikipedia

Marie-Madeleine Mborantsuo OEE ONM (wɔwoo no 18 Oforisuo1955) yɛ Gabon ni mmaranimni. Na ɔyɛ Omar Bongo a na ɔyɛ Gabon ɔmanpanin a ɔdii tumi mfeɛ pii no dɔfo[1].

Ɔyɛ Constitutional Court of Gabon (Cour Constitutionnelle de la Republique Gabonaise) panyin fi bere a wɔtee saa asɛmten no wɔ 1991 mu[2][3][4].

Ɔwɔ dan nsia (six properties) wɔ Dubai[1]. Wɔ 2013 mu no, ɔtɔɔ townhouse wɔ Silver Spring neighborhood wɔ Washington D.C., na sika a ɔde tɔe yɛ $1.5 million[5]. Wɔka sɛ ɔwɔ dan wɔ France ne South Africa nso[5].

Ne Ho Asɛm ne Nhomasua

[sesa]

Wɔwoo Mborantsuo wɔ Franceville wɔ 18 June 1955 . Ne ma ne ne papa yɛ Jean Dambangoye ne Berthe Nouo. Ɔdii nkonim wɔ "Miss Franceville" awoda ho akansi. Ɔbɛyɛɛ ɔmanpanin Omar Bongo dɔfo . Wɔwoo mma baanu. Ɔsuaa mmara wɔ National University of Gabon (a akyiri yi wɔtoo din Omar Bongo University). Akyiri yi ɔkɔɔ University of Paris II na ɔnyaa Masters in Public Finance. Wɔ 2005 mu no, ɔnyaa ne doctorate wɔ constitutional law mu wɔ University of Aix-en-Provence[2][4]. Ne doctoral thesis din ne Cours constitutionnelles africaines et État de droit[6].

Adwuma

[sesa]

Firi 1983 kosi 1991 , na ɔyɛ Cour de Comptes panyin wɔ Supreme Court of Gabon. Na ɔkyerɛkyerɛ mmara wɔ Omar Bongo University. Ɔbɔɔ mmɔden wɔ 1990 amansan nhyiamu (national conference) no mu. Ɔkaa wɔn a wɔtwerɛɛ ɔman no aban mmara foforɔ no ho. Wɔtee Constitutional Court no, na ɔbɛyɛɛ ne panyin. Saa bere no ne 1991. Wɔ January 2019 no, na ɔda so yɛ panyin[2].

Aban Mmara Asɛmten Ho Nsɛm

[sesa]

Wɔaka sɛ waboa ma Constitutional Court no ne ho a ɛfata sɛ asɛmten a ɛnyɛ annyɛ (loss of legitimacy as an impartial institution) no so hwee . Eyi firi mmusu a ɔde buu 1993, 2009, ne 2016 amanpanin abatoɔ a wɔkae sɛ wɔnni wɔn mu no. Saa mfeɛ no mu no, ne dɔfo a na ɔyɛ ne hɔ dedaw (Omar Bongo) ne ne nua (step-son) Ali Bongo Ondimba na wɔtumi nyaa ɔmanpanin dwumadie no[4].

Ne Nwoma Ahodoɔ

[sesa]
  • La contribution des Cours constitutionnelles à l'Etat de Droit en Afrique[7].
  • La Constitution de la République Gabonaise[2].

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 How Dirty Money Finds a Home in Dubai Real Estate - OCCRP (in English), retrieved 2026-03-26
  2. 1 2 3 4 Biographie du Président | COUR CONSTITUTIONNELLE DE LA REPUBLIQUE GABONAISE (in French), archived from the original on 2015-02-23, retrieved 2026-03-26
  3. ↑ Membres actuels | COUR CONSTITUTIONNELLE DE LA REPUBLIQUE GABONAISE (in French), archived from the original on 2019-07-16, retrieved 2026-03-26
  4. 1 2 3 Douglas A. Yates, David E. Gardinier, Douglas A. Yates (2018), Historical dictionary of Gabon, Historical dictionaries of Africa (Fourth edition ed.), Lanham, Maryland: Rowman & Littlefield, ISBN 978-1-5381-1012-6, retrieved 2026-03-26 {{citation}}: |edition= has extra text (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. 1 2 Emmanuel Freudenthal, Roshanak Taghavi, and Kira Zalan, "Gabon's First Family Stashed Cash in DC Property - OCCRP", OCCRP (in English), retrieved 2026-03-26{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  6. ↑ Cours constitutionnelles africaines et État de droit | WorldCat.org (in English), retrieved 2026-03-26
  7. ↑ Marie-Madeleine Mboranstuo (2007), La contribution des cours constitutionnelles à l'État de droit en Afrique, Paris, retrieved 2026-03-26