Margaret Naana Ackom
Margaret Naana Accomm yɛ Ghana aban adwumayɔni ne ɔmanyɛfoɔ a mprempren yi ɔyɛ Ɔmantam Panyin (DCE) ma Gomoa Apuei Mansini a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu. Wɔpaw no sɛ ɔndi saa dwumadie yi wɔ afe 2025 mu. Abakɔsɛm mu no, ɔno ne ɔbaa a ɔdi kan a wɔpaw no wɔ saa dibea yi mu fiti berɛ a wɔhyehyɛɛ mantamo no. [1]
N'asetena mfitiaseɛ ne ne nwomasua
[sesa]Wɔwoo Margaret Naana Ackom bɛyɛ afe 1987. Ansa na wɔrepaw no sɛ ɔnyɛ adwuma wɔ mpɔtam aban sohwɛ mu wɔ Ghana no, na ɔyɛ adwuma sɛ ɔman adwumayɛfoɔ. Adwuma a ɔne Non-Formal Education Division (NFED) a ɛhyɛ ɔman no Asoɛeɛ a ɛhwɛ Nwomasua ho nsɛm so ase yɛeɛ no fa akenkan ne atwerɛ ho, ne mpɔtamo nkyerɛkyerɛ nnwuma ho.
N'amanyɔsɛm mu nwuma
[sesa]Kane no, na Margaret Naana Ackom ne National Democratic Congress (NDC), a ɛyɛ amanyɔkuo kɛseɛ wɔ Ghana, yɛɛ adwuma. Ansa na wɔrepaw no sɛ Mantam Soafoɔ a ɔhwɛ Gomoa Apuei Mantam so wɔ Ghana no, na Margaret Naana Ackom yɛ adwuma sɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyire ma amanyɔkuo no asoɛeɛ a ɛhwɛ yiedie nhyehyɛeɛ nsɛm so wɔ Mfinimfini Mantam. Na saa adwuma yi fa yiedie nhyehyɛeɛ ahodoɔ a wɔyɛ ma National Democratic Congress no kuo mma a wɔwɔ ɔman Ghana no ho. [1]
Sɛnea wɔyii no
[sesa]Ɔmanpanyin John Dramani Mahama na ɔyii Margaret Naana Ackom sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmansin Soafoɔ wɔ Gomoa Apueeɛ Mansini mu wɔ Oforisuo bosome wɔ afe 2025 mu. Na saa dinbɔ yi botaeɛ ne sɛ ɔbɛhwɛ sɛ mmaa bɛnya ananmusifoɔ wɔ mpɔtamo aban dwumadie mu wɔ Ghana, sɛdeɛ Ahyɛdeɛ 243 (1) a ɛwɔ 1992 Ghana Amanyɔ Mmara mu no teɛ. [1]
Nanso, wɔ April 15, 2025, wɔ dwumadie bi a wɔyɛeɛ wɔ Nhyiamu Asa a ɛwɔ Gomoa Potsin no, wɔde adwenekorɔ gyee Ackom too mu maa no akyitaeɛ.[2] Gomoa Apuei Fam Mansini abadwafoɔ du-nwɔtwe (18) no (wɔn a wɔtoo aba yii wɔn, ne wɔn a Aban no paw wɔn) nyinaa too aba maa no. a obiara anto aba antia no (100% confirmation rate). Akyire no, ɔsuae kyerɛɛ Ɔmansoafoɔ ma Mfimfini Mantamo, Onimuonyamfoɔ Ekow Panyin Eduamoah.
N'amammuo ho berɛsosɛm
[sesa]Berɛ a Ackom fitii aseɛ dii n’adwuma no, ɔhunuu mmeaeɛ pii wɔ mansini no mu a na wabɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbetu hɔ mpɔn, a ɔmansini no akwan nhyehyɛeɛ, sukuu ahodoɔ a ɛfata sɛ wɔsie, nsuo a wɔnom ne akwahosan ne ayarehwɛ ho nhyehyɛeɛ a ɛhia mpɔntuo ka ho.
N'amammuo ɛdan nso wɔ nkitahodie titire a ɔne mpɔtam hɔfoɔ ne nnwumayɛfoɔ nyinaa nya no:
- Mfididwuma no nsawɔsoɔ ne nkitahodie: Wɔ Ɔgyefoɔ bosome ɛwɔ afe 2026 mu no, Ackom hyɛɛ adwuma mu nsrasra wɔ mfididwuma akɛseɛ a ɛwɔ ne mansini no mu, a Focus Tech Company ne Rikpat Company Ltd ɛka ho.
- Nwomasua: Ɔtintimm adesua mu abasobɔdeɛ nhyehyɛe maa sukuufoɔ a wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden wɔ na ɔde adesua akadeɛ ahodoɔ maa adesuafoɔ wɔ mmeaeɛ ahodoɔ.[3]
- Nhyehyɛdeɛ a ɛboa mpontuo: N'amammuo no di n'ani sii nhyehyɛeɛ bi te sɛ sukuu adansie wɔ Potsin ne Buduburam, ne nkanea ho nhyehyɛeɛ a ɔtoo din sɛ “Operation Lighting Gomoa East.”
- Sikasɛm Mpontuo: Ɔhyɛɛ Gomoa East Trade and Investment Expo no ase de bɔɔ mpɔtamo hɔ nneɛma ho dawuro, na atwe dɔm a ɛdɛ wɔn sika bɛhyɛ saa adwadie nneɛma yi mu aba mansini no mu.
N'asetena mu nsɛm
[sesa]Adeɛ baako a wɔde gye no to mu ne sɛ ɔtumi ne nananom mpanyinfoɔ nya nkitahodie a emu dɔ, ɛnkanka ne Ɔbrempong Nyanful Krampah a ɔtɔ so du-baako (XI) a ɔyɛ ɔmanhene wɔ Gomoa Ajumako Amammerɛ Mpɔtam hɔ. [4]
Beaeɛ a menyaa nsɛm yi firiiɛ
[sesa]- 1 2 3 "Margaret Naana Ackom confirmed as first female DCE of Gomoa East". Graphic Online. 2025-04-17. Retrieved 2026-03-12.
- ↑ "Margaret Naana Ackom unanimously confirmed as DCE for Gomoa East". Modern Ghana. Retrieved 2026-03-12.
- ↑ "Honourable Margaret Naana Ackom (MCE) Motivates Candidates with Scholarship Promise and Pens". geda.gov.gh. Retrieved 2026-03-12.
- ↑ "District Chief Executive's Community Engagement Day-1". geda.gov.gh. Retrieved 2026-03-12.