Jump to content

Manhyia Ahenfie Adekorabea

Ɛfi Wikipedia
Manhyia Ahenfie Adekorabea

Manhyia Ahenfie Adekorabea no yɛ tete abakɔsɛm ho adekorabea a ɛwɔ Asante Mantam no ahenkuro Kumase mu na ɛwɔ Manhyia Ahenfie no mu bi. Ɛka adekorabea ahodoɔ a ɛwɔ ɔman Ghana mu no ho. Saa adekorabea yi mu na wɔakora Asanteman abakɔsɛm mu nneɛma pii no ara wɔ na nneɛma yi bi ne abakɔsɛm a ɛfa nnipa ahodoɔ a wɔadi Asanteman so, wɔn ntaadeɛ ne nneɛma ahodoɔ pii a ɛkeka ho.[1] Saa dan yi yɛ abansoro dan kɛseɛ. Ɛsane nso wɔ dan baako bi a ate ne ho wɔde tɔn adeɛ wɔ adekorabea hɔ. Saa adekorabea yi ara mu na Asantehene ahodoɔ mmiɛnsa tenaeɛ. Saa ahene yi ne Nana Prempeh I, Nana Prempeh II ne Otumfuo Opoku Ware II.

N'abakɔsɛm

[sesa]
Manhyia Ahenfie Adekorabea

Adekorabea yi firii aseɛ dii ne dwuma Ɔsanaa bosome no da a ɛtɔ so du mmienu afe apem aha nkron aduokron num mu berɛ a Otumfuo Opoku Ware II redi mfe aduonum a ɔde adi adeɛ sɛ Asantehene no.[2] Saa dan yi ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa Engresi Aban no na ɛyɛɛ ho ntotoeɛ maa Nana Agyeman Prempeh I a na wɔafi nkoasom mu a ɔkɔeɛ wɔ Seychelles Supɔ no so wɔ afe apem aha nkron aduonu nnan (1924) mu no.[3] Wɔsii dan maa no de paa kyɛ wɔ seɛ a wɔseɛ n'ahenfie a ɛwɔ Adum no berɛ a Yaa Asantewaa ko a ɛkɔɔ so afe apem ne aha nkron no.[4] Nanso, Nana Prempeh I anye saa akyɛdeɛ yi antom mmom ɔtɔ firii wɔn hɔ. Onii a ɔhwɛ toto nneɛma wɔ adekorabea yi ne Owura Osei Kwadwo a na ɔhwɛ nwomasua wɔ Efigya - Sekyere mansin no mu.[5]

Wɔ afe mpem mmienu ne aduonu nnan wɔ Kɔtɔnimaa bosome no mu no, adekorabea yi firii ne dwuamdie ase bio. Nneɛma a ɛwɔ adekorabea yi mu no gu mu ahodoɔ pii. Yei bi ne Asantehene ne wɔn ahemaa ahoni, wɔn mfoni, wɔn ntaadeɛ, nneɛma a wɔdii anaa wɔnom mu nsuo anaa nsa, tɛlɛbihyin ne afoforɔ pii a ɛkeka ho.[6]

Afei nso, nneɛma ahodoɔ a Engresifoɔ faa firii Asanteman kɔɔ Engresi no mu aduasa mmienu nso wɔsane baa adekoradan yi mu berɛ a Otumfuo Osei Tutu II redi mfeɛ aduonum a ɔde adi adeɛ sɛ Asantehene no.[7]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. https://www.researchgate.net/publication/301296930_Sustainability_of_Asante_Manhyia_Palace_Museum_A_collection_of_cultural_identity
  2. https://www.researchgate.net/publication/301296930_Sustainability_of_Asante_Manhyia_Palace_Museum_A_collection_of_cultural_identity
  3. Agyeman-Duah, Ivor (2024). A history of Manhyia Palace Museum - Inaugural and other objects. Tema, Ghana: Digibooks Ghana Ltd. ISBN 9789988936754.
  4. Agyeman-Duah, Ivor (2024). A history of Manhyia Palace Museum - Inaugural and other objects. Tema, Ghana: Digibooks Ghana Ltd. ISBN 9789988936754.
  5. https://www.researchgate.net/publication/301296930_Sustainability_of_Asante_Manhyia_Palace_Museum_A_collection_of_cultural_identity
  6. https://web.archive.org/web/20110511063233/http://manhyiapalacemuseum.org/about-us.html
  7. Dzakpata, Fred (3 May 2024). "PICTURES: Asantehene takes a tour of Manhyia Museum". Asaase Radio.