Manhyia Ahenfie
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Manhyia Ahenfie yɛ Asantehene asoeɛ a ɛwɔ Manhyia,Kumase a ɛwɔ Asante mantam mu. Ɛhɔ ne beaeɛ a Asantehene di Akwasidae. Na ɛhɔ nso ne Asantehene asɛnnibea a ɔsiesie nsɛm biara a ɛfa ahennie ho ne nsasesɛm ho ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.[1]
Abakɔsɛm
[sesa]Berɛ a na Aborɔfo aban wɔ so wɔ ɔman Ghana mu no, wɔsɛee adehyeɛ aban ahenfie a na ɛwɔ Asanteman mu no wɔ berɛ a na Asante ne aborɔfo no reko wɔ Sika dwa ho no, ntɔkwa a Asantehene ampene sɛ ɔde Sika dwa bɛma aborɔfo no. Saa berɛ no na Aborɔfo aban a na wɔwɔ soɔ no sii Manhyia Ahenfie wɔ afe apem ahankron aduonu nnum (1925).[2][3]
Berɛ a Asantehene Nana Prempeh I firi afiase baeɛ wɔ afe 1896 de kɔsi 1924 no, British aban no sii saa ahenfie yi de maa no sɛ ɔnfa nyɛ n’atenaeɛ. Nana Prempeh I ne deɛ ɔdii n’adeɛ Otumfuo Osei Agyeman Prempeh II (ɔhene a ɔtɔ so dummiɛnsa ne dunnan) tenaa Manhyia ahenfie hɔ.[4]
Nana Prempeh I bɔɔ ne ho mmɔden tuaa ahenfie no ka wɔ aborofo no nsam ma ɛbɛyɛ Asanteman dea ansa na ɔregye peneeɛ akɔtena hɔ. Ɛfiri sɛ na ɔnpɛ sɛ ɛbɛyɛ biribi sɛ aborɔfo no de no kɔhyɛɛ nkoasom mu no na wɔde saa ahenfie no ama no sɛ ɔnfa mpata ne kra.[5]
Nhyehyɛeɛ Ne Ne Su
[sesa]- Ahenfie dada no yɛ abansoro mmienu a ɛwɔ asɛnnibea kɛseɛ.
- Sɛ wokɔ hɔ a wobɛhunu Asante nhenfo ne ahemaa ohoni wɔ hɔ.
- Wɔ afe 1995 mu no, wɔsesaa ahenfie dada no yɛɛ no Manhyia ahenfie. Na ɛda Asantefoɔ abakɔsɛm ne wɔn amammerɛ adi.Ɛhɔ nso na Sika dwa no wɔ.
- Wɔsii ahenfie foforɔ a na ɛbɛn Otumfour Opoku Ware II a ɔno ne nipa a ɔdii kan tenaa saa dan no de kɔsi berɛ a ɔfirii mu wɔ afe 1999 mu. Asantehene a ɔte akonnwa so seisei a ɛyɛ Otumfuo Osei Tutu II te saa ahenfie hɔ.
Ahɔhogyeɛ
[sesa]Obiara wɔ ho kwan sɛ ɔtumi kɔ Manhyia ahenfie kɔhwɛ n’ani so, twitwa mfoni na ɔsua Asante abakɔsɛm. Nnipa tumi firi aman ahodoɔ so ba hɔ bɛsua Asante abakɔsɛm.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Manhyia Palace Museum – Visit Ghana. (in American English), retrieved 2025-07-17
- ↑ Manhyia Palace – The Seat of Asantehene (in American English), retrieved 2025-07-17
- ↑ Manhyia Palace (in American English), retrieved 2025-07-17
- ↑ TV3 Ghana (2024-05-15), #TheAfternoonShow: Unveiling History - Step Inside the Manhyia Palace Museum in Kumasi, retrieved 2025-07-17
- ↑ Manhyia Palace Museum (Asantehene's Palace), Kumasi | Book Tickets & Tours Online - 2025 (in English), retrieved 2025-07-17