Jump to content

Maggie Aderin

Ɛfi Wikipedia

Dame Margaret Ebunoluwa Aderin DBE HonFREng (wɔwoo no Ɔbɛnem 9, 1968), a kane no na wɔfrɛ no Maggie Aderin-Pocock, yɛ Britania ɔsoro abɔdeɛ mu nyansapɛfoɔ ne nyansahunu kyerɛkyerɛfoɔ. Ɔyɛ nhwehwɛmufoɔ a ɔwɔ anidie wɔ University College London 's Department of Physics and Astronomy, na wayɛ University of Leicester sohwɛfoɔ fiti Ɔbɛnem 1, 2023. [1] Efiti Ɔgyefoɔ bosome wɔ afe 2014 no, ɔne Chris Lintott ayɛ nsoromma mu peadeahunu dwumadie a wɔfrɛ no The Sky at Night wɔ telebihyɛn so.

Wɔ afe 2020 mu no, wɔmaa Maggie William Thomson, Lord Kelvin Animuonyamhyɛdeɛ ne Abasobɔdeɛ a ɛfiri Institute of Physics [2] wɔ badwa mu mmɔdenbɔ ne sɛneɛ ɔde ne ho hyɛɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ (Physics) mu. [3] Ɔno ne obibiniibaa a ɔdii kan nyaa sika kɔkɔɔ animuonyamhyɛdeɛ wɔ Physics News Award abasobɔ dwumadie no mu. Ɔsomm sɛ British Science Association no titenanii ɛfiti afe 2021 kɔsi afe 2022. [4]

N'asetena mfitiaseɛ ne ne nwomasua

[sesa]

Wɔwoo Margaret Ebunoluwa Aderin wɔ London wɔ Ɔbɛnem 9,1968. N'awofoɔ ne Caroline Philips ne Justus Adebayo Aderin, a wɔyɛ Nigeriafoɔ. Wɔtetee Magaret wɔ Camden, London.[5] [6] [7] [8] Ne din Ebunoluwa firi Yoruba nsɛmfua "ebun" a ɛkyerɛ sɛ "akyɛdeɛ" ne Oluwa a ɛkyerɛ sɛ "Onyankopɔn", a ɛno nso yɛ asɛmfua "Oluwabunmi" anaa "Olubunmi" a ɛkyerɛ "Onyankopɔn akyɛdeɛ" wɔ Yoruba kasa no fã foforɔ mu. [9] Ɔkɔɔ La Sainte Union Convent Sukuu a ɛwɔ North London. [10] Ɔyɛ obi a ɔntumi nkenkan adeɛ yie . Sɛ abofra no, berɛ a ɔka kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ bi sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ahunmu kwankyerɛfoɔ, ɔkyerɛkyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsɔ ayarehwɛ nhwɛ, "efirisɛ ɛno nso yɛ abɔdeɛ mu nyansahunu". [11] Ɔnyaa A-Levels wɔ akontabuo, abɔdeɛ mu nneɛma (physics), nnuruyɛ, ne abɔdeɛ a nkwa wɔ mu ho adesua mu. [12]

Ɔsuaa adeɛ wɔ Imperial College London, na owiee ne BSc wɔ Physics mu wɔ afe 1990 mu, na ɔwiee ne PhD wɔ mfididwuma (mechanical engineering) mu wɔ afe 1994, na Hugh Spikes na ɔhwɛɛ ne so. [13] [14] Ne nhwehwɛmu no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔyɛ 'ultra-thin film measurement system' a wɔde spectroscopy ne interferometry a ɛyɛ nhwehwɛmu kɔsi 2.5 nm bɔberɛ so. [15] Na wei hwehwɛ sɛ wɔbɛpagya aniwa adwumayɛ ne mfidie nhyehyɛeɛ, na w'ama 'development control' ɛne 'image processing software' atu mpɔn.

  1. {{cite web}}: Empty citation (help)
  2. {{cite web}}: Empty citation (help)
  3. {{cite web}}: Empty citation (help)
  4. {{cite web}}: Empty citation (help)
  5. {{cite news}}: Empty citation (help)
  6. GRO Register of Births: Margaret Efumoluwa Aderin, mmn = Wey, Mar 1968 5c 905 ISLINGTON
  7. Nhwɛsoɔ:Who's Who
  8. {{cite web}}: Empty citation (help)
  9. {{cite web}}: Empty citation (help)
  10. {{cite web}}: Empty citation (help)
  11. {{cite web}}: Empty citation (help)
  12. {{cite web}}: Empty citation (help)
  13. Nhwɛsoɔ:Cite thesis
  14. {{cite web}}: Empty citation (help)
  15. {{cite web}}: Empty citation (help) Maggie Aderin, Research Fellow UCL Department of Science and Technology Studies