Jump to content

Lake Bosomtwe

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Lake Bosomtwe
Lake Bosomtwe

Lake Bosomtwensutadeɛ kɛseɛ pa ara wɔ ɔman Ghana mu a awɔ hɔ bɛboro mfeɛ ɔpepem.Ɛyɛ nsutadeɛ a ɛso pa ara a ne tenten mu bɛyɛ kilomita du akyiripɔ nnum(10.5km) na ɛmu tenten nso bɛyɛ mita aduoson nwɔtwe(78m).[1]Saa nsutadeɛ yi wɔ ankaase wɔ Asante mantam mu.[2]Ɛyɛ nsuo a ɛho asɛm no yɛ deɛ ɛyɛ nwanwa kakra.

Abakɔsɛm

[sesa]

Asante abakɔsɛm kyerɛ sɛ, afe apem ahansia aduanan nwɔtwe (1648) mu na wɔhunuu saa nsutadeɛ yi. Na wɔkyerɛ sɛ bɔfoɔ bi a ne din de Akora Bompe a ɔfiri kuro bi a wɔfrɛ hɔ Asaman na ɔkɔɔ wuram kɔhunuu ɔtwe.[3] Na ɔtoo aboa no tuo nanso aboa no anwu, enti ɔdwa guu ɔtwe a na wapira no so pɛɛ sɛ ɔbɛnya no akye no.[4] Ɔdwa guu aboa no so saa no, aboa no yera kɔtɔɔ nsuo ketewa bi mu a bɔfoɔ Bompe gyidi sɛ ɛyɛ nsuo nwawasoɔ yi na ɛgyee aboa no.[5] Enti ɔtenaa saa beaeɛ hɔ na ɔtoo ɛhɔ hɔ din sɛ "Bosomtwe"(asekyerɛ ne sɛ "ɔtwe nyame").[6][7]

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, faako a nsutadeɛ yi da no bɛyɛɛ manso kɛseɛ wɔ Asantefoɔ ne Akyemfoɔ ntam nanso Asantefoɔ tumi bɔɔ wɔn ho mmɔden gye bɛkaa wɔn ahennie ho. Na wɔne Akyemfoɔ ntɔkwa no mu no, Asantefoɔ a wɔwuwuu wɔ mu nyinaa no, wɔsiee wɔn wɔ nsutadeɛ no ho.Ɛno nti wɔamma kwan anma obiara anyɛ kuadwuma wɔ saa beaeɛ hɔ nyinaa.[8]

Akuraa biara a ɛbɛn ɔtadeɛ yi ho no wɔ ne bosom ne n’asɔnneɛ. Ɛwom akyire no, Kristosom bɛhyetaa mpatam hɔ nanso nnipa no beberee wɔ hɔ a wɔda so ara kura wɔn gyidie mu, ɛnkanka berɛ a ɛmu yɛ den mu anaa sɛ wɔrehwehwɛ ayaresa.

Ɛnnɛ yi, nnipa bɛyɛ mpem aduonu mmiɛnsa na ɛte nkuro aduonu nson a atwa nsutadeɛ Bosomtwe ho ahyia. Nsuo yi abɛyɛ bosom ma nnipa pii a wɔkɔ hɔ kɔbɔ mpaeɛ anaa sɛ wɔkɔpɛ banbɔ ne nhyira.[9]

N’akyiwadeɛ

[sesa]
  • Ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ wode dadeɛ anaa sɛ adeɛ biara a wɔde dadeɛ ayɛ bɛka nsuo no.[10] Ɛnam saa gyidie yi nti, wɔnyɛ kodoɔ a wɔde dadeɛ ayɛ na mmom wɔde nnua na ɛyɛ wɔn kodoɔ.
  • Ɛyɛ akyiwadeɛ sɛ wobɛyi nam wɔ nsuo no mu Kwasiada.[11]
  • Wɔnkɔ afuo mu wɔ nkuro a atwa nsuo no ho ahyia nyinaa ɛda Benada.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Lake Bosomtwe – Visit Ghana. (in American English), retrieved 2025-07-08
  2. Lake Bosumtwi (in American English), retrieved 2025-07-08
  3. Siliconson (2024-10-17), The History of Lake Bosomtwe: Why Can't these women bath in it? (Explained in Twi), retrieved 2025-07-08
  4. Lake Bosumtwi Background Information, retrieved 2025-07-08
  5. The mysterious Lake Bosomtwe (in American English), 2021-11-04, retrieved 2025-07-08
  6. A Rocha Ghana (2023-04-12), The Story of Lake Bosomtwe, retrieved 2025-07-08
  7. NYANSAPO TV (2022-02-11), THE HISTORIAN || DEEP SECRET OF HOW LAKE BOSOMTWE WAS DISCOVERED IN 1648 AND IT’S TABOO, retrieved 2025-07-08
  8. Lake Bosomtwe, treasure to preserve (in American English), 2022-04-11, retrieved 2025-07-08
  9. Lake Bosomtwi - Tourism in Ghana,Touring Ghana, Visiting Ghana (in American English), 2016-03-27, retrieved 2025-07-08
  10. Henry Cobblah (2019-11-02), The Lake Bosomtwe You should Visit (in American English), retrieved 2025-07-08
  11. 8 Quick Facts About Lake Bosomtwe: Discover Ghana’s Only Natural Lake | Explore Kumasi (in American English), 2025-01-04, retrieved 2025-07-08