Jump to content

Kyiribra

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

KyiribraAkanfoɔ amanneɛ no mu baako a wɔyɛ de ma ɔbaa a wɔaduru ne mpaninfeɛ so nanso wɔantwɛn anma wɔangoro no bra na wɔanyinsɛn. Saa asɛmfua "kyiribra" firi Akan kasa "kyiri" a brɔfo kasa mu no asekyerɛ ne "to hate" ne "bra" a brɔfo kasa mu no asekyerɛ ne "life/menses na wɔaka abom. Ɔbaa a ɔfa nyinsɛn a yɛngoroo no bra no yɛ Akanfoɔ akyiwadeɛ ɛno nti na wɔyɛ saa amanneɛ yi de twe wɔn aso no.[1][2]

Wɔ Akanman mu no, wɔyɛ bragoro de yi ɔbaa firi mmɔfrayɛ mu ba mpaninyɛ mu. Ɛno nti sɛ wɔangoro ɔbaa bi bra a wɔyɛ no kyiribra a ɛnyɛ sɛ wɔyɛ de twe wɔn aso nko ara na mmom sɛ wɔabu honhom mu mmara so, ɔde animguaseɛ abrɛ n'awofoɔ ne mantam a ɔte.[3][4]

Kyiribra Ho Amanneɛ

[sesa]

Wɔ Akanman mu no, ɔbaa a wɔangoro no bra na ɔnyinsɛn no,Ɔbaahemaa a ɔwɔ kuro no mu hɔ no ka saa ɔbaa no anim ma no hunu sɛ adeɛ a wayɛ no yɛ akyiwadeɛ koraa.[5]

Ɛno akyire yi no, wɔyɛ amanneɛ a ano yɛ den ma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte. Saa amanneɛ yi bi ne sɛ; wɔbɛyi saa ɔbaa no tiri ho nyinaa, na wɔatwe no akɔ kurotia na wɔatwa odwan de apete ne ho nyinaa na wɔwie a wɔatwa no asu afiri saa kuro no mu.

Kyiribra Ho Mfasoɔ

[sesa]
  • Ɛma mmaa yɛ ahwɛyie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnkɔnyinsɛn.
  • Ɛda Akanfoɔ gyidie adi.
  • Ɛma Abusua yɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔbɛtete wɔn mma yie.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Akyiwadeɛ binom a akanfoɔ wɔ fa apemfoɔ ho (in American English), retrieved 2025-07-23
  2. RITA BOAKYE (2024-03-20), KYIRIBRA, retrieved 2025-07-23
  3. AWS Marketplace: Kyriba: Your Liquidity Performance Platform, retrieved 2025-07-23
  4. Peter Sarpong (1977), Girls' nubility rites in Ashanti, Ghana Pub. Corp., retrieved 2025-07-23
  5. TV3 Ghana (2021-07-26), [Week 2]GMB 2021:Bono East region's Nana talks about the Akan traditional rite 'Kyiribra', retrieved 2025-07-23