Kwaku Adu Yeboah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon
Kwaku Adu Yeboah
Mmarahyɛbadwani ma Agona East mpɛsoa
Bere
Ɔpɛpɔn, 2001 – Ɔpɛpɔn, 2005
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kuffour
OdikanfoKojo Yankah
AnanmusiniJohn Agyabeng
Ne ho asɛm
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaAmanyɔni

Kwaku Adu Yeboah yɛ Ghana amanyɔni ne Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so mmiɛnsa kuoba a na ɔgyina hɔ ma Agona East mpasoa a ɛwɔ mfinimfin mantam(Central Region) wɔ Ghana.[1]

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Yɛwoo Yeboah wɔ Agona East, kuro bi a ɛwɔ Mfinimfin Mantam mu(Central Region) wɔ Ghana. Beaeɛ a suaa adeɛ ne University of Cape Coast.

Amanyɔsɛm[sesa]

Kwaku Yeboah dii kan baa mmarahyɛbadwafieNational Democratic Congress kuoba wɔ mfeɛ mpem mmienu(2000) Ghana man nyinaa abatoɔ mu. Wɔ mma dodoɔ abaeɛ nyinaa na ɛyɛ mpem aduonu mmiɛnsa, ahankron ne aduasa nsia(23,936) mu no, ɔnyaa mma mpem du, ahankron ne aduowɔtwe nkron a na egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan num ne akyirepɔ nkron(45.9%).[2] N'akansifoɔ ne John Agyabeng a ɔgyina maa National Patriotic Party(NPP) a ne mma a ɔnyaɛe wɔ mma dodoɔ no mu yɛ ɔha nkyekyɛmu aduanan nan ne akyirepɔ aduosia(44.60%), Kofi Anane Adjei a ɔno nso gyina maa National Reform Party(NRP) nyaa mma ɛyɛ ɔha nkyekyɛmu nson ne akyirepɔ aduosia(7.60%), Joseph Kodjo Doudu a ɔno nso gyina maa CPP amanyɔkuo no nyaa mma ɔha nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ du(1.10%) ɛna Issah Kwame Asante a ɔyɛ PNC kuoba nso nyaa mma ɔha nkyekyɛmu ohunu ne akyirepɔ aduowɔtwe(0.80%). Kwaku bedii Kojo Yankah adeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu mu(2000).[3] John Agyabeng bedii Kwaku so nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) wɔ Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ mu.[4]

N'adwuma[sesa]

Adu yɛ kane Agona East mpɛsoa a ɛwɔ Mfinimfin mantam (Central Region) wɔ Ghana no mmarahyɛbadwani.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Parliamentary Candidates for Central Region, retrieved 2022-08-21
  2. Peace FM, Parliament - Agona East Constituency Election 2000 Results, retrieved 2022-08-21
  3. Peace FM, Parliament - Central Region Election 2000 Results, retrieved 2022-08-21
  4. Peace FM, Parliament - Agona East Constituency Election 2004 Results, retrieved 2022-08-21