Kwaisey Pee

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwasi Poku Addae, yɛ Ghana nnwontofo a wonim no wɔ nnwomto mu sɛ Kwaisey Pee.Wonim no sɛ obi a ɔbɔ Highlife nnwom a ne nne nso yɛ dɛ, afei nso ɔwɔ apaawa bɛyɛ anum. Wɔ afe 2007 mu no Ghana Music Awards bɔɔ n'abaso sɛ nnwomtofo a ne nne ne ne dɛ paa na kwan a ɔfa so to nnwom kanyan anigye.

Bere a osii so[sesa]

Wɔwoo Kwaisey Pee too abusua a wɔto nnwom mu, ne papa ne Agyaaku a ɔka Yamoah ne Sunsum nnwomtofoɔ kuo ho. Ne papa nua ba ne Rex Omar na ne nua ankasa nso ne Criss Waddle. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Datus School Complex wɔ Tema, ankyɛ na ogyae kɔfaa nnwomtoɔ too ne ho so .

Ne nnwomto adwuma[sesa]

Ofii ne nnwomto ase bere a ɔkɔkaa ne papa nnwomtofoɔ kuo ho na afei ogyae kɔkaa Nana Tuffour nnwomtofoɔ kuo a wɔfrɛ wɔn sɛ Sikadwa no ho wɔ 1994 mu. Akyiri yi ɔkɔkaa nnwomtofoɔ kuo foforo bi ho a wɔfrɛ wɔn sɛ Jewel Ackah and the Beautiful Six ho. Awiei koraa no ɔne ne papa kɔɔ London kɔdaa apaawa foforo a wɔato no din sɛ Nyame yɛ Ɔdɔ adi wɔ 1998 mu.Ɔwɔ apaawa anum a wɔato din sɛ Krokro Me, Akono Yaa, and Nyane Me, apaawa a nnwom 13 wom a nnwomtofoɔ te sɛ Tic Tac, Kontihene, K K Fosu, Ofori Amponsah ne ne papa, Agyeiku nso ka ho.

Ogyae nnwomtoɔ kakraa na akyiri yi ɔsan bae bɛdaa nnwom fofora a ɔne Yaa Yaa yɛe, Mabre, adi wɔ Ɔpɛnimma 2018 mu.

Ne nwom ne n'apaawa ho nsɛm[sesa]

Apaawa[sesa]

  • Nyame Ye Odo
  • Mabre
  • Krokro Me
  • Akono Yaa
  • Nyane Me

Nsɛm bi yibea[sesa]