Kwadwom
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kwadwomwadwom yɛ nnwom a yɛnto, yɛmmɔ, yɛmfa nsa nso. Ɛyɛ nwom a sɛ wote sɛ ɔreto a wonni ho kwan sɛ wode w'ano di akyire. [1]
Kwadwom ho mmara
[sesa]Sɛ yɛreto Kwadwom a, ɛsɛ sɛ wogyae nea woreyɛ biara kɔpem sɛ nwom no besi. Yɛbe Kwadwom Sɛ yɛka sɛ obi rebe a, na ɛkyerɛ sɛ nea efiri onii ko ano reba no wo a woretie no wɔama wo akwanya sɛ nea ɛyɛ ma wo wɔ nwom no mu no fa anaa to kyene. Wobetumi afa no sɛ woante anaa wɔanka)[2]
Kwadwom ho abakɔsɛm
[sesa]Onyaa Kwadwom mu nsɛm firii aboa onini su mu "Tin-ton-ton-tin-ton". Sɛ wɔreto no kwaeɛ mu a, ahonhom ne mmoadoma firi ba. Kwadwom firi Asante Juaben. Wɔ Osei Tutu 1 ne Juabenmanhene Adaakwa Yiadom bere so na Kwadwom bae. Ɔhene biara wɔ Fekuo a ɔwɔ mu. [3]Ɛno nti, wɔ guabɔ ase no, sɛ ahenfo bi rebɛkyia Ɔhene bi (Juabenhene ne Asantehene) na wɔfiri saa fekuo no a anaa ɔyɛ fekutirenin a, wɔbe Kwadwom de ma no. Kwadwom yɛ homhom mu nnwom wɔ Akanman mu, ɛno nti na sɛ ɔreto a awɔse tumi gu obi no. Wɔn a wɔbe Kwadwom no wɔ nnuane a ɔtaa di. Nnuane bi te sɛ Kosua, kwadu, nsa ne ade. [4]
Kwadwom ho mfasoɔ
[sesa]Ɛde nkanyan berɛ wɔn na afei nso ɛma wɔ menim go yie. [5]
Kwadwom ahodoɔ
[sesa]Yɛwɔ Kwadwom mu ahodoɔ mmienu; Kumaman ne Ntiantiam. Kumaman mu no yɛtaa te ahenfo biara a waba asaase yi so kɔ a ɛyɛ Asantehene I ne Juabenhene din wɔ mu Ntiantiam no de yɛde hoahoa ahenfo.[6]
Ɛhofoɔ na wɔbe kwadwom?
[sesa]Agonafoɔ na na wɔbe Kwadwom. Wokɔ Juaben a Nsɛnee. [7]
Baabi a mmoa firi
[sesa]- ↑ Kwadwom 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB | Biblica (in American English), retrieved 2025-08-17
- ↑ The kwadwom of Otumfuo Osei Tutu II: An evolving oral tradition reflecting the king's legacy - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2025-08-17
- ↑ Kwadwom 1 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB | Biblica (in American English), retrieved 2025-08-17
- ↑ The kwadwom of Otumfuo Osei Tutu II: An evolving oral tradition reflecting the king's legacy - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2025-08-17
- ↑ The kwadwom of Otumfuo Osei Tutu II: An evolving oral tradition reflecting the king's legacy - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2025-08-17
- ↑ Kwasi Ampene and Nana Kwadwo Nyantakyi Iii (2016), "Engaging Modernity: Asante in the Twenty-First Century", Maize Books (in English), doi:10.3998/maize.14689915.0001.001, retrieved 2025-08-17
- ↑ Kwasi Ampene and Nana Kwadwo Nyantakyi Iii (2016), "Engaging Modernity: Asante in the Twenty-First Century", Maize Books (in English), doi:10.3998/maize.14689915.0001.001, retrieved 2025-08-17