Kwadaso
Appearance
Kwadaso yɛ kuro bi a ɛwɔ Kumase kuropɔn mu a ɛyɛ nsuo na da so. Ɛfiri Ohwimase de kɔ Kwadaso nyɛ yera kwan. Wohunu Ohwimase a na wahunu Kwadaso. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ na asuo bi da asase no so a na ɔmanfoɔ no nya nsuo firi mu de yɛ wɔn fie dwumadie.[1] Mmaa ampa asuo yi ho da. Ɛbi de resi nnoɔma ne ntaadeɛ no na ebi nso de retwe bi kɔ wɔn afie mu.
Da bi anɔpa bi, mmaa no kɔɔ asuo no so na koraa fɛfɛɛfɛ bi da so.[2] Wɔyii apaeɛ maa no bɛ.daa adi sɛ nananom nsamanfooɔ na wɔde bɛtoo nsuo no so sɛ obiara a ɛbeduru hɔ no na ɔde asa bi anom.Wei maa ɔmanfoɔ no bɛfrɛɛ asuo no sɛ asuo a koraa da so. Wɔde koraa da so koraa da so saa ara na beaeɛ no bɛnyaa din Kwadaso.[3]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ GhanaRegions.com (2022-01-19), Ashanti Region (in American English), retrieved 2025-09-01
- ↑ Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-01
- ↑ GhanaRegions.com (2022-11-01), Kwadaso Municipal (in American English), retrieved 2025-09-01