Jump to content

Kwaaso

Ɛfi Wikipedia

Kwaaso yɛ kuro bi din. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ opanin bi a na wɔfrɛ no Amoako ne ne kraman kɔɔ afuom sɛ ɔrekɔdɔ. Ɔkɔ kɔduruu baabi no na wabrɛ na na ɛkɔm nso de no.[1] Opanin yi tenaa ase pɛɛ aduaba bi diiɛ. Na ɛwɔ sɛ ɔpɛ aduane no bi ma kraman no nti asuo bi a na ɛda hɔ na ɔkɔyii nam wɔ mu de maa aboa yi.

Na ɔtaa yɛ saa nti n'ani bɛgyee saa beaeɛ hɔnom nti ɔyɛɛ n'adwene sɛ ɔbɛbɔ ne yere amaneɛ na wakɔbɔ wɔn akuraa wɔ hɔ.[2] Ɔbofoɔ yi ne ne yere kɔbɔɔ wɔn sese wɔ saa asuo yi ho na wɔfrɛ no "Amoako asuo kwao". Ɛwom wɔ mu a na nnipa bebree tutu bɛtenaa hɔ maa ɛhɔ bɛdane kuro kɛseɛ.[3] Ɛdidi so a na wɔtwaa din no so bɛfrɛɛ no Kwaaso ma yɛnyaa saa din no. Kwaaso bɛn Kwamekrom.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. https://study.com/learn/lesson/ashanti-tribe-kingdom-history-people.html, retrieved 2025-09-01 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  2. Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-01
  3. "Ejisu-Juaben Municipal District", Wikipedia (in English), 2023-08-28, retrieved 2025-09-01