Kuna-Wareɛ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kuna-wareɛ yɛ sɛ ɔbarima bi a wawu diadefoɔ ware ne owufoɔ no yere a ɔgyaa no akyire[1][2].
Sɛ ɔbarima bi ka baabi a, afe baako akyi a ne yere awie kuma yɛ no, ɔdiadefoɔ no tumi ware ne yere anaasɛ, ɔfa no kunabaa. Owufoɔ no asɛdeɛ a ɔyɛ ma ne yere ne ne mma nyinaa bɛyɛ ɔdiadefoɔ yi asɛdeɛ[3].
Yei boa ma awarefoɔ yi kora owufoɔ no agyapadeɛ, ɛma wɔtumi toa dwuma bi a owufoɔ no hyɛɛ aseɛ so, afei sɛ ɔdiadefoɔ no ani wɔ fam a, mma a owufoɔ no gyaa wɔn akyire no mmɔ asesa[4].
Saa awareɛ yi nyɛ nhyɛ mma awarefoɛ no mu biara. Ɔbarima no pɛ a, ɔbɛtumi aka sɛ ɔrema no kwan ma wakɔware foforɔ; ɔpɛ nso a, ɔbɛtumi a aka sɛ mma ɔnware na ɔno ankasa bɛhwɛ no. Ɔbaa no nso pɛ a, ɔbɛtumi aka sɛ ne kunu a wawu no abusuafoɔ nnyae no ma ɔnkɔ.Mpɛn pii no, ɛkɔba no saa a, wcsusu sɛ ɔbaa korɔ no anya ɔbbarima bi a ɔpɛ sɛ ɔware no[5].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Rose Korang-Okrah (2012-02-01), Risk and resilience: Ghanaian (Akan) widows and property rights, retrieved 2025-08-22
- ↑ P. K. Antwi (2015), Widowhood Rites in the Akuapem Traditional Society (in English), retrieved 2025-08-22
- ↑ Rose Korang-Okrah, Wendy Haight (2015-03-01), "Ghanaian (Akan) women's experiences of widowhood and property rights violations: An ethnographic inquiry", Qualitative Social Work (in English), vol. 14, no. 2, pp. 224–241, doi:10.1177/1473325014526275, ISSN 1473-3250, retrieved 2025-08-22
- ↑ P. K. Antwi (2015), Widowhood Rites in the Akuapem Traditional Society (in English), retrieved 2025-08-22
- ↑ Rose Korang-Okrah (2012-02-01), Risk and resilience: Ghanaian (Akan) widows and property rights, retrieved 2025-08-22