Jump to content

Komfo Anokye Asupiti Abakɔsɛm

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Komfo Anokye Asupiti a ne din ne Komfo Anokye Teaching Hospital ( KATH) yɛ asupiti kɛseɛ wɔ ɔman Ghana mu a ɛwɔ Kumase,Asante mantam mu. Wɔsii asupiti yi wɔ afe apem ahankron aduonum nnan(1954) sɛ ɛnmɛyɛ asupiti mma Asanteman.[1] British nnipakuo bi a wɔfrɛ wɔn firm Messrs na wɔsii asupiti yi. Wɔn ne Gee, Walker ne Slater.Wɔbuee asupiti yi ano wɔ afe apem ahankron aduonum nnum (1955) a na ɛwɔ mpa ahannum.[2][3]

Wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson (1957) mu no, wɔsesaa asupiti no din de too Okomfo Anokye ɛsiane anwawadeɛ a ɔbɛyɛɛ no Asanteman mu ne titire no sekan a ɔde hyɛɛ beaeɛ a asupiti no wɔ a obiara antumi antu de bɛsi ɛnnɛ. Asupiti no nyinii bɛyɛ kɛseɛ maa Asante, Bono ne Ahafo ne mantam ahodoɔ a ɛwɔ ɔman Ghana mu sɛ wɔn ayaresabea.[4][5]

Wɔ afe apem ahankron ne aduoson nnum (1975) mu no, wɔmaa asupiti no bɛyɛɛ kyerɛkyerɛbea a wɔne Kwame Nkrumah suapɔn no yɛɛ nkabɔmu a wɔkyerɛ nnipa apɔmuden ho nsɛm.[6]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Komfo Anokye Teaching Hospital (in American English), retrieved 2025-07-21
  2. Our History (in American English), retrieved 2025-07-21
  3. Welcome to Komfo Anokye Teaching Hospital's website (in American English), retrieved 2025-07-21
  4. Komfo Anokye Teaching HospitalMinistry of HealthThe entrance of Komfo Anokye Teaching HospitalGeographyLocationKumasi, Kumasi Metropolis, Ashanti Region, GhanaCoordinates6 697479°N 1 631690°W / 6 697479;-1 631690OrganisationCare systemGhana Health Service / NHIS AccreditedTypeTeachingAffiliated universityKwame Nkrumah University of Science, Technology School of Medical SciencesServicesEmergency departmentYesBeds1000HistoryOpened1954LinksWebsitewww kathhsp orgListsHospitals in Ghana, Komfo Anokye Teaching Hospital - Wikiwand (in English), retrieved 2025-07-21{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Mr manager naija news (2023-08-29), The Komfo Anokye Teaching Hospital (KATH) is located in Kumasi, the capital of the Ashanti region, retrieved 2025-07-21
  6. Institution/organization details - IAHPC, retrieved 2025-07-21