Jump to content

Kokofu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kokofu yɛ kuro a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ ɔman Ghana.Ɛyɛ kuro a ɛwɔ abasɛm ahodoɔ fa Asante ho. Wɔntoto wɔn amammerɛ ase nso.[1]

Abakɔsɛm

[sesa]

Kokofu wɔ abakɔsɛm ahodoɔ:

  • Abakɔsɛm baako kyerɛ sɛ berɛ a ɔhene Kobia Anguafi a ɔyɛ oyokoɔni ni tu kɔtenaa baabi foforɔ no,ɔsomaa ɔbɔfoɔ bi sɛ ɔnkɔhwehwɛ beaeɛ a ɛhɔ yɛ kama mma no. Na bɔfoɔ no nyaa beaeɛ bi a na wɔadua mfudeɛ kakra wɔ hɔ a wɔfrɛ hɔ kokor. Na ɔhene ne n’abusua no tu kɔtenaa "kokor Afuo" mu hɔ. Saa beaeɛ kokor afuo no na nkakrankakra ɛdane bɛyɛɛ Kokofu no.[2]
  • Bio, abakɔsɛm foforɔ kyerɛ sɛ Kokofu asekyerɛ wɔ brɔfo kasa mu ne sɛ " soft cocoyam farm" (Koo-ko-Afuom).
  • R.S Rattray nso ma Kokofu ho abakɔsɛm sɛ, berɛ a oyokofoɔ no baa Omanso no, wɔbɛhyiaa bɔmmɔfoɔ bi ne ne maame a ne din ne Odabo a na wɔwɔ wɔn asase. Na Pinamang Panin a na ɔyɛ Oyokoni no nyaa akwanya sɛ ɔbɛtena bɔmmɔfoɔ no ne maame asase no so ayɛ kua. Na ɔhunuu sɛ anwea a ɛwɔ asase no so yɛɛ kɔkɔɔ na ɛfu nwura ntɛmtɛm so. Ɛno nti ɔtoo hɔ din sɛ "kɔkɔɔ-fu". Ɛno na ɛmaa wɔbɛnyaa kuro no din sɛ "Kokofu" no.
  • Kokofu Anyinam nso yɛ beaeɛ wɔ Kokofu a abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛhɔ na wɔwoo Opemsoɔ Osei Tutu I, deɛ ɔkyekyeree Asanteman no.[3]Ɛno nti saa beaeɛ yi abɛyɛ beaeɛ a ɛhɔ hia na ɛyɛ kronkron wɔ Asante abakɔsɛm mu.Ne saa nti sɛ ɛduru wɔn afahyɛ biara a, Asantehene a ɔte akonnwa soɔ no kɔ hɔ kɔyɛ amammerɛ ne amanneɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

Afahyɛ

[sesa]

Afahyɛ a wɔdi ne Opemsoɔ afahyɛ.[4]

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. COVTVGHANA (2024-04-17), History of Asante Bekwai, Kokofu, Sagrenti war and why Bekwai Roundabout is in Kumasi (Nana Minta)., retrieved 2025-07-16
  2. Alandu Media (2024-06-04), THE GREAT HISTORY OF KOKOFU BY KOKOF HEMMA, retrieved 2025-07-16
  3. Birthplace Of The Founder Of Asante Kingdom Cited As Potential Tourist Attraction Site (in English), retrieved 2025-07-16
  4. NYANSAPO TV (2024-04-23), KOKOFU HEMAA GIVES HISTORY OF THEIR TRADITIONAL FOOD WHICH ORIGINATED THE NAME KOKOFU, retrieved 2025-07-16