Jump to content

Kofi Antubam

Ɛfi Wikipedia

Kofi Antubam (1922–1964) afe ɔha nkron ne aduonu mmiɛnu - afe ɔha nkron ne aduosia nnan (1922-1944), na ɔyɛ Ghanani. Kwame Nkrumah yii no sɛ "State Artist" Ɔyɛɛ ndwuma de boa Ghana animuonyam bere a ɔman no gye faahodie. Antubam nsa ano nwuma a na ɔyɛ no bi ne adwinni a woayɛ wɔ easel so, mural, mosaic ne nnua w’adwinni. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ na ɔtwerɛfoɔ ɔhyɛɛ Ghanafoɔ a wɔdwinni ne asukufoɔ sɛ wɛmo mfa "abibifoɔ nipasu" na ɛnyɛ wɔn adwuma ɛda yɛ man no amanneɛ ne atetesɛm adi. N'aban no asi agyinaeɛ sɛ wɔbɛ nwono Akan adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ ne wɔn ammanneɛb a ɛbɛdan ɔman foforɔ no animuonyam adi.

Na ɔyɛ ɔpanin a ɔtee Ghana nyinaa kuo a wɔyɛ nwinnade ano na ɔsan nso ka nwinnade kuo a ɛwɔ Ghana no ho. Antubam adwini a woayɛ no wɔ nneɛma a w'aboaboa ano wɔ Ghana, South Africa ne United States.

Abrabɔ

[sesa]

Wɔwoo Antuman wɔ afe 1922, n'awofoɔ din de Maame ne Nana Mensah. Ne papa wuu brɛ a na ɔyɛ abɔfra koraa, ɛno akyiri no ne wɔfa de no kɔɔ kumase na ɛhɔ na ɔhyɛɛ sukuu ase. Ɔsan nso dii nna kakra wɔ Jos, Nigeria ɛna South Africa ɛna afei nso Adisadel College. Ɛyɛ berɛ a na ɔwɔ Adisadel College na ɔnyaa anisoadehunu wɔ ade nwene mu. Ɔpanin John Knight, a na ɔda sukuu no ano ka kyerɛɛ Arnold Hodson a ɔyɛ amerado sɛ ɔmma Antubam akwanya ma ɔnyɛ dɔteɛ anwinnade.[1] Berɛ a ɔgyee adwuma no yɛɛ ne yie akyiri no ɔnyaa sika a wɔde bɛboa no ama w'akɔ Achimota College. Wɔ Achimota College no, Herbert Vladimir Meyerowitz a wɔwoo no Russia na na ɛyɛ ne kyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ sɛde Ɔkyerɛkyerɛni a ɔhyɛ n'asuafoɔ nkuran sɛ wɔnfa mpɔta mu hɔ asetena nyɛ wɔn anisoade hunu na mmom nyɛ sɛ wɔrefa Europa adwini nko ara. Nneɛma a Antubam yɛɛeɛ mfeɛ a ɔdii no Achimota no bi ne sɛ ɔwiee adwini sukuu kɔ wieɛ, akyerɛkyerɛfoɔ nteteeɛ adesua ne mfitiaseɛ adesua.[2] Sukuu akyiri no, ɔkyerɛɛ adeɛ, ɔsan nso dwinii mfonyi ahodoɔ nso a na ɔtɔn Wɔ afe 1948 ne 1950 mu no, ɔnyaa sika a wɔde bɛma no akɔtoa n'adesua so wɔ Goldsmith College London. Wɔ mfeɛ 1950's mu no, Antuman yɛɛ adwinni ahodoɔ a ɛbi ne Ɔmanpanin dadaa Nkrumah akonnwa, adwinni ahodoɔ a ɛda aman ahodoɔ abakɔsɛm, amanneɛ ne amammerɛ adi.

Wɔ afe 1963, ɔtintim Ghana amammerɛ ahodoɔ, nwoma a ɛkyerɛ mfasodeɛ a adwinni ahodoɔ a ɛwɔ Ghana de boa wiase adwomfoɔ nyinaa ne ɔkwan a Antubam fa so yɛɛ adwinni ahodoɔ a ɛgyina hɔ ma Ghana amammuo ne abakɔsɛm.[1]

Mmoa

[sesa]
  1. 1 2 "Kofi Antubam", Wikipedia (in English), 2025-01-20, retrieved 2025-04-23
  2. "Kofi Antubam", Wikipedia (in English), 2025-01-20, retrieved 2025-04-23