Jump to content

Kete Pa (Adinkra)

Ɛfi Wikipedia

Kete Pa yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako a ɛkyerɛ sɛ ‘nna pa’ na wɔgye di sɛ ahyɛnsode no gyina hɔ ma aware pa. Saa ahyɛnsodeɛ yi wɔ ahyɛnsodeɛ pii a wɔde asisi wɔn ho so, na ɛte sɛ mpapahwekwa a wɔanwene ho. Wɔkyerɛ sɛ ne mfonini no gyina hɔ ma awareɛ mpa.Kete Pa yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ a ɛho hia a ɛfiri Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana. Ɛkyerɛ baakoyɛ ne su ahodoɔ a ɛma awareɛ yɛ dɛ na ɛsi yie. Afoforɔ nso gye di sɛ, Kete pa, anaa mpa pa yɛ Akanfo ahyɛnsodeɛ a ɛfa abusua ho. Ɛkyerɛ aware pa. Ne nnyinasoɔ nyinaa ne sɛ, Akanfoɔ wɔ gyidie bi sɛ ɔbaa a ɔwɔ aware pa mu da mpa pa so.

It is an Adinkra symbol.

Mfasoɔ

[sesa]

Mfasoɔ a ɛwɔ obuo a obiara de ma ne yɔnko so. Ɛboa ma wɔtumi siesie abusuabɔ a ɛmu yɛ den denam anisoɔ ne nteaseɛ so. Mfasoɔ a ɛwɔ ahofama so, Ɔdɔ a ɛtena hɔ daa hia ahofama ne mmɔdenbɔ. Adeɛ baako a ɛma awareɛ sɔ yie ne sɛ awarefoɔ no nyinaa yɛ baako na wɔwɔ adwempa. Kete Pa agyinahyɛdeɛ no kae yɛn sɛ abusuabɔ a edi mu ne deɛ nnipa mmienu no bom yɛ adwuma wɔ ɔdɔ ne obuo mu.

Deɛ Kete Pa No Kyerɛ

[sesa]

Kete Pa ahyɛnsodeɛ no kyerɛ gyidie a ɛne sɛ: Ɔdɔ gyina boasetɔ ne ayamyɛ so. Aware pa gyina nkitahodie ne ahotɔsoɔ so. Ɛsɛ sɛ awarefoɔ no boa wɔn ho wɔn ho berɛ a wɔrehyia nsɛnnennen mu. Afoforɔ nso kyerɛ sɛ, Kete Pa agyinahyɛdeɛ no gyina hɔ ma ɔdɔ, baakoyɛ, ne aware pa mu ahoɔden. Ɛhyɛ ankorankora nkuran ma wɔnya abusuabɔ a ɛmu yɛ den a ɛgyina ahotosoɔ, obuo, ne mmoa a obiara de ma ne yɔnko so. Sɛ yɛgye Kete Pa nyansapɛ to mu a, yɛbɛtumi anya ɔdɔ ne abusuabɔ a ɛtena hɔ afebɔɔ.

Asetena Mu Asuadeɛ

[sesa]

Wɔ asetena mu no, Kete Pa kyerɛkyerɛ sɛ abusuabɔ a ɛmu yɛ den hia ahofama ne mmɔdenbɔ. Nnipa a wɔdi saa nnyinasosɛm yi akyi no kɔ nkan wɔ abrabɔ mu yie. Wɔne wɔn hokafoɔ di no ɔdɔ ne obuo so. Wɔkyerɛ sɛ ahokeka ne baakoyɛ ho hia wɔ wɔn ntam abusuabɔ mu. Hunu sɛ ɔdɔ a ɛtena hɔ daa no nya nkɔsoɔ berɛ tenten mu. Saa agyinahyɛdeɛ yi ma yɛhunu sɛ awareɛ yɛ akwantuo a ɔdɔ, boasetɔ, ne mmoa wc mu.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1.https://symbolsage.com/kete-pa-symbol/

2.https://yen.com.gh/109816-ghanaian-traditional-symbols-meanings.html

3.https://adinkrabrand.com/kete-pa-the-symbol-of-a-good-marriage/