Kasawan(Circumlocution)
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kasawan yɛ kasasu a ɛmu nteaseɛ wɔ hɔ nanso yɛaka awan no de asie nnipa binom. Yεnam kasawan so de nsεm sie mmɔfra. Wɔn a wɔnim kasa no na wɔte aseɛ deɛ, wɔnim deɛ asɛnkorɔ kyerɛ.[1] Ԑtↄ da nso a, yεtumi de kasawan ka nsεm bi a ebia fεreε anaa mpo suro nti, yεntumi nka no pen nsi onipa a yεpε sε ↄte asεm a yεreka no. [2]
Nhwɛsoɔ
[sesa]Sε woyε ↄbarima na ↄbaa taa noa aduane ma wo di a. hwε yie na nnuane binom wↄ hↄ a na εyε kununom nko ara na wↄdi.[3]
Kasawan dwumadie
[sesa]Kasa mu no, yɛde nsɛm bi kɔ awan berɛ a yɛpɛ sɛ yɛkata asɛm bi so. Sɛ ebia asɛm no mu yɛduru na sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbɛfiti prɛko pɛ aka a, yɛde kɔ awan. Yei, yɛde di dwuma a, nneɛma a ɛbɛtumi de aba no yɛ mmienu: Ɛtumi de akomatuo ba. Sɛ ebia, deɛ ɔretie asɛm no ho repre no sɛ ɔbɛte asɛm wɔrebɔ ho amanneɛ no. Ɛtumi nso de akomatoyam ba. Nsɛm no bi yɛ asefem. Yɛfiti prɛko pɛ ka a, ɛtumi nya nsunsuanso bɔne wɔ deɛ ɔretie no so, sɛ ebia obi dɔfo bi awu. Yɛreka a, yɛdi kan dɛfɛdɛfɛ onipa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔte a ne yam renhye no pii.[4]
Baabi a mmoa firi
[sesa]- ↑ What Is Circumlocution? Definition and Examples (in English), 2023-01-16, retrieved 2025-09-22
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-09-22
- ↑ What Is Circumlocution? Definition and Examples (in English), 2023-01-16, retrieved 2025-09-22