Jump to content

Kasatiawa

Ɛfi Wikipedia

Kasatiawa yɛ kasasu a yɛde di dwuma berɛ a asɛm kɛseɛ anaa amanehunu, asiane, akwanhyia, osu, awerɛhosɛm, anigyeɛ wɔ soro nanso yɛhyɛ da te kasa mu tumi a ɛda adi so anaa hwan so. Yɛtumi yɛ wei de kyekye nnipa werɛ na yɛde yi ɔtan bi a anka ɛbɛba nnipa bi so. Yɛtumi nso de yi ehu anaa suro bi a ɛbɛhyɛ nnipa bi mu. Sɛ ɛba adesrɛ mu nso a, yɛtumi de nhwansoɔ de popa yɛn anim fɛreɛ de kyerɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yɛha onipa a yɛresrɛ no adeɛ no. Saa kasasu yi ne anihanehane kasasu na ɛbɔ bra.[1]

Kasatiawa ho nhwɛsoɔ

[sesa]

Kasatia ho nhwɛsoɔ a wɔde adi dwuma wɔ kasamu ahodoɔ bi mu na ɛdidisoɔ yi;[2]

  • Mesrɛ wo ma me mako mmienu bi nkɔyɛ nkwan.
  • Menya kaprε bi a ɛho dwo a, mɛsi dan.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Meyer H. Abrams and Geoffrey Galt Harpham. A Glossary of Literary Terms, 11th ed. (Stamford, CT: Cengage Learning, 2015), 169.
  2. WRITTEN LITERATURE OF TWI.pdf