Jump to content

Kasasu

Ɛfi Wikipedia

Kasasu yɛ adwinie bi a kasadwumfoɔ bi nam so de ɔkasa no saesae ma ɛdi mu, na ɛyɛ dɛ. Kasasu yɛ soronko firi daadaa kasa mu.[1] Kasasu yɛ kasadwini ahodoɔ mu nnoɔma a kasadwumfoɔ biara bɛtumi agyina so de nsɛm bi ato dwa wo berɛ a wɔrepa asem no ho ntoma. Kasasu kyere nhyehyeeɛ a atwerɛfoɔ de di dwuma wɔ wɔn nwoma twerɛ mu de n'asɛm to dwa ma ɛyɛ mmerɛ ma atiefoɔ.

Sɛ wode di dwuma yie a, kasasu ahodoɔ no boa akenkanfoɔ ma wɔn ani sɔ, tumi kyerɛkyerɛ mu san pɛnsɛmpɛnsɛn atwerɛ dwumadie no mu.[2] Kasasu tumi yɛ adeyɛdeɛ anaa akwan titire bi a, yɛde di dwuma ma yɛnya kasasu mu nsɛm na ɛsane nso kyerɛkyerɛ kasadwini mu nsɛm ma nteaseɛ da adi wɔ mu.

Kasasu Ahodoɔ

[sesa]

Kasasu da soronko firi daadaa kasa mu na ɛgu ahodoɔ bebree. Kasasu tumi yɛ ɛnne nnyegyeeɛ, nsɛmfua ne ɔkasamu nhyehyɛeɛ, nsɛmfua ahodoɔ nhyehyɛeɛ ne nsɛmfua nsensaneɛ[3] - ɔkasamu tiawa ne tenten, nsɛmfua nkabom, nnyinahoma, ntotohosɛm, tete kasa, anihanehane, abirabɔ, nsawɔsoɔ, obuo kasa, kasakoa, kasammrani, kasadɛ, mmɛbuo ne deɛ ɛkeka ho.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Kofi Agyekum (2011-01-01), "The ethno-pragmatics of "amannebɔ" in Akan", Language and Dialogue (in English), vol. 1, no. 2, pp. 243–265, doi:10.1075/ld.1.2.05agy, ISSN 2210-4119, retrieved 2025-07-02
  2. KASASU A ϽWϽ MFANTSE MPAAYI AHOROW MU (in American English), retrieved 2025-07-02
  3. Kofi Agyekum (2011-01-01), "The ethno-pragmatics of "amannebɔ" in Akan", Language and Dialogue (in English), vol. 1, no. 2, pp. 243–265, doi:10.1075/ld.1.2.05agy, ISSN 2210-4119, retrieved 2025-07-02