Jump to content

Kasammrani

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kasamrani yɛ kasa a yɛakata so na ɛmu nteaseɛ no nso sene sɛdeɛ yɛka no no. Yɛtaa hyia wei wɔ berɛ a yɛrekasa na nsɛmfua bi a ɛwɔ mu no yɛ ammodin na enti yɛntumi mmɔ din dwe.[1][2]

Nsonsonoeɛ a ɛda kasammrani ne kasakoa ntam

[sesa]

Ԑyε a ebinom taa de kasammrani yɛ kasakoa nanso nsonsonoeɛ da mu. Yɛde kasammrani kyerɛ biribi a εyε tan anaa adeɛ a ɛho nteɛ anaa biribi a wobↄ din pen a, obi a ↄwↄ hↄ no se bεfem anaa ne ho bεtumi adwiri no.[3] Nsεm a yεde kasammrani ka no bi ne kyima, owuo, kɛtɛ mu nsɛm, agyanan, nnipadua akwaa bi ne nyinsɛn[4]

Akanfoↄ susu sε, sε obi nyinsεn a, εsε sε yεde sie na εbↄ ↄne abↄfra no ho ban kↄsi sε ↄbεwo. Anyε saa na obi wↄ anibↄne a, ↄbεtumi de aha ↄpemfoↄ no. Nsεm a εsε sε yεka bra ani no, sε obi ka no pen a, yεhunu sε waka kasafi anaa kasaburu, n’ano nteeε na ↄnnim amammerε nso. Wei nti, ɛwɔ sɛ wobra ani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a kasa no bɛyɛ akɔnnɔ na ayɛ dɛ, na afei nso atiefoɔ ahunu sɛ woadare wɔ ɔkasa no mu. Mmom hyε no nso sε, kasammrani hyε kasakoa mu.[5]

Nhwɛsoɔ

[sesa]

a. Ɔrekɔgya ne nan.

b. Wayε bra.

c. Ɔne no adi mpasoagorɔ.

d. Wafa afuro.

e. Bεtekaw bi de n’ano atim ne ammodin ho.

Baabi a mmoa firi

[sesa]
  1. Ralph Slovenko (2005-12-01), "Euphemisms", The Journal of Psychiatry & Law (in English), vol. 33, no. 4, pp. 533–548, doi:10.1177/009318530503300411, ISSN 0093-1853, retrieved 2025-08-29
  2. Beatrice Warren (1992), "What Euphemisms ℡l Us About the Interpretation of Words", Studia Linguistica (in English), vol. 46, no. 2, pp. 128–172, doi:10.1111/j.1467-9582.1992.tb00833.x, ISSN 1467-9582, retrieved 2025-08-29
  3. Ralph Slovenko (2005-12-01), "Euphemisms", The Journal of Psychiatry & Law (in English), vol. 33, no. 4, pp. 533–548, doi:10.1177/009318530503300411, ISSN 0093-1853, retrieved 2025-08-29
  4. Beatrice Warren (1992), "What Euphemisms ℡l Us About the Interpretation of Words", Studia Linguistica (in English), vol. 46, no. 2, pp. 128–172, doi:10.1111/j.1467-9582.1992.tb00833.x, ISSN 1467-9582, retrieved 2025-08-29
  5. Armin Burkhardt, Brigitte Nerlich (2010), Tropical Truth(s): The Epistemology of Metaphor and Other Tropes (in English), Walter de Gruyter, ISBN 978-3-11-023020-8, retrieved 2025-08-29