Jump to content

Kasadwini

Ɛfi Wikipedia

Kasadwini yɛ bɔsrɛmuka nsɛm bi a obi ahyɛ da anwene a ɛda abrabɔ mu osuahunu bi adi. Ne saa nti no, Akanfoɔ kasadwini dodoɔ no ara yɛ bɔsrɛmuka nsɛm bi a Akanfoɔ nam osuahunu ne nyansa so anwene ato hɔ a ɛda Akanfoɔ abrabɔ mu osuahunu bi adi.

Kasadwini ne abrabɔ mu osuahunu bi a ɛfa nnipakuo bi ho a wode kasa ahyehyɛ anaa anwene ato hɔ. Kasadwini taa da nnipakuo bi abrabɔ mu nsɛm, anyamesom mu gyidie, nnwuma, mmoa ne nnua a ɛtwa wɔn ho ahyia, abrabɔ mu nneɛma a atwa wɔn ho ahyia ne wɔn gyidie a ɛfa Onyankopɔn ne sunsum nkaeɛ no ho adi. Akanfoɔ wɔ kasadwini ahodoɔ mmienu, weinom ne; Atwere kasadwini (written Literature) ne Anomsem kasadwini (Oral literature).

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]

1.https://www.taylorfrancis.com/books/mono/10.4324/9780203165621/literature-hillis-miller

2.https://www.britannica.com/art/literature

3.https://researchmethod.net/what-is-literature/