Kasa Nkyerɛaseɛni
Kasa nkyerεaseni yɛ obi a ɔte anyɛ koraa no, kasa mmienu na ɔwɔ nimdeɛ wɔ kasa nkyerɛaseɛ nhyehyɛeɛ ho na ɔtumi de nteaseɛ a ɛwɔ atwerɛ bi mu no firi kasa bi mu kɔ kasa foforɔ mu na ͻtumi kenkan ne nyinaa sane twerε ne nyinaa. Sε obi nimdeε a ͻwͻ wͻ kasa baako mu no wɔ fam sene baako a, ɔrentumi nyɛ kasa nkyerεaseni. Afei nso, ɛsɛ sɛ kasa nkyerɛaseni no nya fapem papa wͻ kasa ahodoͻ sua ho, na ɛno ne adehiadeɛ a ɛboa ma kasa nkyerɛaseɛ wie pɛyɛ.[1]
Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ kasa nkyerɛaseni no wͻ nimdeɛ mapa wͻ kasa pͻtee a atwerɛ no firi mu ne kasa a ͻrekyerɛ aseɛ akͻ mu no mu ne ɛho amammerɛ nyinaa. Saa nimdeε yi hia pa ara ɛfiri sɛ, nkyerɛaseɛ no nnyina kasa ahodoͻ mmienu no nko ara so, na mmom εgyina amammerɛ mmienu so. Nkyerεaseni no nimdeε wͻ amammerε no ho no bεboa ama wahunu deε εsε sε ͻka ne deε εnsε sε ͻka. [2]
Onipa biara a ͻkyerɛ kasa ase sɛ n’adwuma no, ɛsɛ sɛ ͻtumi yɛ ntamagyinafoͻ ma aman ne amammerɛ ahodoͻ no. Yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ kasa nkyerɛaseni no wͻ nimdeɛ mapa wͻ kasa pͻtee a atwerɛ no firi mu ne kasa a ͻrekyerɛ aseɛ akͻ mu no mu ne ɛho amammerɛ nyinaa. Saa nimdeε yi hia pa ara ɛfiri sɛ, nkyerɛaseɛ no nnyina kasa ahodoͻ mmienu no nko ara so, na mmom εgyina amammerɛ mmienu so.[1] Nkyerεaseni no nimdeε wͻ amammerε no ho no bεboa ama wahunu deε εsε sε ͻka ne deε εnsε sε ͻka.
Afei nso, ansa na kasa nkyeɛaseni bɛkyerɛ atwerɛ bi ase no, ɛsɛ sɛ ͻpɛ akwan ahodoͻ a ɛdi mu a ɛbɛboa no ama wanya atwerɛ no mu nteaseɛ kann. Yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ͻdwene na ͻsusu ho yie kͻpem sɛ ͻbɛnya nteaseɛ a ɛdi mu pa ara a ɛmu da hͻ ne ͻkwan pa a ͻbɛfa so adane atwerε no akͻ kasa foforͻ mu.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 https://www.researchgate.net/profile/Elenaz-Janfaza/publication/349867394_Language_Translation_and_Culture/links/6044e37a299bf1e078600668/Language-Translation-and-Culture.pdf
- ↑ Albrecht Neubert (2011-03-18), Christina Schäffner, Beverly Adab (ed.), "Competence in Language, in Languages, and in Translation", Developing Translation Competence (in English), John Benjamins Publishing Company, pp. 3–18, doi:10.1075/btl.38.03neu/html, ISBN 978-90-272-8545-4, retrieved 2025-08-31
- ↑ https://www.jbe-platform.com/content/journals/10.1075/target.10.2.03mos