Jump to content

Kakaiku Concert Party

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kakaiku Concert Party yɛ kuo a ɛbɛgyee din yie pa ara wɔ ɔman Ghana mu bɛyɛ afe apem ahankron ne aduonum (1950s) berɛ no mu. Ɛyɛ kuo a na wɔn dwuma titire a na wɔdi ne nwontoɔ. Wɔkɔ nkuro so bɔ dwa kɔto nwom ma nnipa bɛhwɛ wɔn. Nanso akyire yi no wɔde ahwɛgorɔ bɛkaa wɔn nwontoɔ no ho. Enti sɛ wɔbɔ dwa sɛ wɔredi wɔn dwuma a, wɔto nwom no kakra a na wɔde ahwɛgorɔ no nso atoa so. Na saa ahwɛgorɔ a wɔde kaa wɔn nwontoɔ no ho no maa wɔbɛgyee din pa ara wɔ ɔman Ghana ne aman ahodoɔ so.

Kuo no abakɔsɛm

[sesa]

Opanin a ne din ne Moses Kwaku Oppong na ɔtee kuo yi.[1]Na n’adwuma titire a ɔyɛ ne nsankubɔ ne nwomtwerɛ.Akyire yi ansa na ɔde mpasere bɛkaa n’adwuma ho.Na nnipa ani gyee ne nwom ho ɛsiane abɛbuo ne nsɛm a ɔka wɔ ne nwom mu nti.[2]

Wɔwoo M.K Oppong Ahinime bosome mu ne da a ɛtɔ so mmienu afe apem ahankron ne du nsia (2nd October,1916) wɔ Aboɔso, a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu. Ɔkɔɔ sukuu kakra nanso ɛsiane ahokyerɛ nti ɔgyaeɛ wɔ afe apem ahankron ne aduasa mmienu (1932).[3]Saa berɛ no adwuma a na ɔyɛ ne sɛ na ɔtu sika kɔkɔɔ. Ɛnfa ho ne ahokyerɛ a na ɔwɔ mu no, saa berɛ no na ɔde suaa nsankubɔ. Na ɛnam so maa ɔbɛyɛɛ nwontoni kɛseɛ gyee din.Ɛno nti ɔno ara tee ne nwontoɔkuo wɔ afe apem ahankron ne aduonum nnan (1954).Sika ne mfasoɔ a ɔnya firii kuo no mu no na ɛma ɔyɛɛ kuo no sɛ concert party. Ɔfaa nsakubɔfoɔ mmienu kaa ne ho,nwontoni baako, twenebɔfoɔ baako ne akasaani baako. Kuo no ahwɛgorɔ a ɛdi kan a ɔyɛeɛ no sii wɔ Aboɔso. Na ɔde ɛhɔ yɛɛ n’asoeɛ. Mpɛn pii no wɔyɛ wɔn ahwɛgorɔ no wɔ fitwahyia mu anaa sɛ badwa mu. Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔhwɛ bi no, tua sika ansa na wɔatumi akɔhwɛ bi.[4]

Nnipa gyee Kakaiku kuo no too mu na ɛno hyɛɛ M.K Opppong nkuran ma ɔtee kuo no baako kaa ho a ɔde edin Kakaiku no ara too so wɔ afe apem ahankron ne aduonsia nson (1967).Enti ɔbɛnyaa Kakaiku I ne Kakaiku II. Kakaiku I no dii wɔn dwuma wɔ Nkran ne ne mpatamu,ɛna Kakaiku II no nso dii wɔn dwuma wɔ atɔeɛ mantam mu.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Henry Kwadwo Amoako (2020-05-07), Legends of Ghanaian Highlife Music: Kakaiku (1916-1986) (in American English), retrieved 2025-07-04
  2. Ghana's Highlife Music Collection : Kakaiku, retrieved 2025-07-04
  3. Kakaiku's Band biography (in English), retrieved 2025-07-04
  4. John Collins (2004), "Ghanaian Christianity and Popular Entertainment: Full Circle", History in Africa, vol. 31, pp. 407–423, ISSN 0361-5413, retrieved 2025-07-04