Jump to content

Kɔsanbra(Reincarnation)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Sɛ yɛka sɛ obi akɔ asane aba a,asekyerɛ ne sɛ,obi awu afiri ateasefoɔ asase yi so na wasan aba biom ama yɛawo no.Sɛ yɛhunu obi a wawu atwam nneyɛɛ wɔ akoraa a wɔawo no ho a,wɔtumi ka sɛ saa abɔfra no yɛ k"ɔsanbra".[1][2]Mpɛn pii no, kɔsanbrafoɔ no tumi yɛ abusua korɔ no mu anaa sɛ abusua foforɔ mu.Wɔ Akanfoɔ gyidie mu no, wɔhunu ɔkra no sɛ ɔnwu na mmom ɔfiri nipadua no mu kɔ nipadua foforɔ mu.[3]

Mmɔfra amammerɛ

[sesa]

Sɛ yɛba no amammerɛ fam a wɔnni amammerɛ biara a wɔyɛ de ma obi a wawu akɔ asane aba na mmom ɛfiri ne mmɔfra berɛ mu kɔsi mfeɛ du mu no,wɔnka mma no nte sɛ wawu na wasane aba.[4] Akanfoɔ gyidi sɛ wɔwo abɔfra a ɔkata n’ani, ɛno nti ɔnhunu abusua korɔ a wabɛpue mu.Na sɛ abɔfra bɛpue abusua bi mu na sɛ ɔmpɛ a ɔtumi san kɔ n’akyi.[5]

Ahɛnsodeɛ

[sesa]

Akanman mu no, sɛ wɔwo abɔfra bi na ɔwu,na ne mprenu so no,ɔsan wu a,saa abɔfra no wɔhyɛ no nso. Enti sɛ wɔwo ne mprɛnsa soɔ na wɔhunu saa ahyɛnsodeɛ wɔ abɔfra a ɔtɔ so mmiɛnsa no ho a, wɔhunu sɛ ɛyɛ saa abɔfra no na wakɔ asan aba no.Deɛ wɔde hyɛ no nso ne sekan a wɔde twa ne honam no baabi. Akanman mu nso,wɔwɔ din a wɔde to saa mmɔfra no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛka asase so.Saa din no bi ne; Moosi, Hawa,Akosua Sumina,Kaya, Dɔnkɔ ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.[6][7]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Isaac Boaheng (00/2024), "A Theological Reflection on the Akan Doctrine of the Human Soul", Journal for the Study of Religion (in English), vol. 37, no. 1, pp. 1–22, doi:10.17159/2413-3027/2024/v37n1a3, ISSN 1011-7601, retrieved 2025-07-11 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  2. H. M. Majeed (2015), "Reincarnation, Predestination and Moral Responsibility: Critical Issues in Akan Philosophy", Thought and Practice (in English), vol. 7, no. 2, pp. 105–122, doi:10.4314/tp.v7i2.6, ISSN 2076-7714, retrieved 2025-07-11
  3. Edward Mitole PhD, Reincarnation: The African Concept Of The Afterlife (in English), retrieved 2025-07-11
  4. The Concept of Reincarnation in African Thought System (in English), retrieved 2025-07-11
  5. Reincarnation in African Traditional Religion, retrieved 2025-07-11
  6. Ajume Wingo (2006-12-27), Akan Philosophy of the Person (in English), retrieved 2025-07-11
  7. Reincarnation in African Traditional Religion, retrieved 2025-07-11