Kɔmmudeɛ / Ayaneɛ
Appearance
Kɔmmudeɛ / Ayaneɛ yɛ ahosiesie nnoɔma no mu baako a ɛboa yi nipa ahoɔfɛ pue na ɛma ahosiesie no nya mudie. [1] Saa kɔmmudeɛ yi gu ahodoɔ na dodoɔ no ara yɛ agudie, ɛna ebi nso wɔ hɔ a wɔde nhoma na ɛyɛ. Wɔde nsɛnkyerɛnne ahodoɔ bi te sɛ etuo ne sekan, akokɔnan, afena, mmusuyideɛ, sankɔfa, ne aya na ɛyɛ kɔmmuadeɛ anaa ayaneɛ ahodoɔ no. [1] Saa kɔmmuadeɛ yi, ahemfo taa hyɛ bi na ɛma wɔn kɔmmu yɛ fɛ na ɛma wɔn ahosiesie no da nso. Afei nso, ɛkyerɛ tumidie.[2]
Kɔmmudeɛ / Ayaneɛ Ahodoɔ
[sesa]Kɔmmuadeɛ anaa ayaneɛ ahodoɔ bi na ɛdidisoɔ yi; [3]
- Adaaboɔ (Adaaboɔ kɛseɛ, Adaaboɔ a ɛyɛ adantɛm, ne Adaaboɔ ketewa)
- Sika asinadeɛ kɔmmu kawa ahodoɔ
- Sɛbɛhoma kɔmmu kawa ahodoɔ
- Wansenkawa (Agudeɛ wansenkawa ne seleba wansenkawa)
- Kanta (Agudeɛ anaa sikakɔkɔɔ kanta ne lɛda kanta)
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ 1.0 1.1 Isaac Kwabena Agyei, Peggy Fening, Charles Adu-Boachie (2023-08-10), "THE RHYTHM OF GLOBALIZATION AND PERSISTENCE OF THE SOCIO-CULTURAL SIGNIFICANCE OF GOLD JEWELLERY IN ASANTE, GHANA", SIBATIK JOURNAL: Jurnal Ilmiah Bidang Sosial, Ekonomi, Budaya, Teknologi, Dan Pendidikan (in English), vol. 2, no. 9, pp. 2617–2632, doi:10.54443/sibatik.v2i9.825, ISSN 2809-8544, retrieved 2025-09-02
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ https://www.academia.edu/download/101780220/12_Diversity_of_Jewellery.pdf
- ↑ D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu