Kɔkɔɔkɔbɔ
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ɛyɛ nsa a ɔbarima no abusuafoɔ de kɔ ɔbaa no papa hɔ kɔhyɛ ɛda a wɔbɛba abɛyɛ ɔbaa no ho adeɛ. Ɛyɛ mmorɔsa akɔtoa baako ne sika kakra. Amammerɛ kwan so no, yɛ wɔ nhunianimu - nsa/kɔkɔɔkɔbɔ, tiri-nsa ne tiri-adeɛ, danta, asekɛtɛ ne akontagye sekan[1].
Nhunianimu nsa yi tumi ma ɔbarima no nya kwan kɔsra ɔbaa. Sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no abusuafoɔ nyinaa pene awareɛ no so a, ɔbarima no awofoɔ bɛhyɛ da tiawa bi akɔyɛ baa no ho adeɛ no. Afei ɔbarima no bɛfiri aseɛ ayɛ ahoboa atwɛn ɛda no a ɔbɛkɔ akɔyɛ amanneɛ no. Tete no, na Memeneda anaa Dwoada na Akanfoɔ taa gye awareɛ. Akanfoɔ awaregyeɛ gyina sika ne nsa so. Sɛ wɔreyɛ ɔbaa ho adeɛ a, wɔyɛ no mmienu, agya deɛ ne abusua deɛ[2][3].
Ɛyɛ nsa a ɔbarima no abusuafoɔ de kɔ ɔbaa no papa hɔ kɔhyɛ ɛda a wɔbɛba abɛyɛ ɔbaa no ho adeɛ. Ɛyɛ mmorɔsa akɔtoa baako ne sika kakra.
Nhunianimu nsa yi tumi ma ɔbarima no nya kwan kɔsra ɔbaa no a obiara nse no hwee. Ɛno ne kɔkɔɔkɔbɔ no. Aha na ɔbarima no kɔyi ne ho adi de kyerɛ sɛ, ɔpɛ sɛ ɔbɛware ɔbaa no[4].
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Comparative and Constructive Analysis of Akan Marriage Performance: The Past and the Present (in American English), retrieved 2025-08-21
- ↑ Comparative and Constructive Analysis of Akan Marriage Performance: The Past and the Present (in American English), retrieved 2025-08-21