Kɔɔto (Court)
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kɔɔto yɛ beaeɛ a mpɛn pii no aban na ɛsie a wɔwɔ tumi de di asɛm,hwɛ sɛ mmara bɛyɛ adwuma na afei wɔnam mmara kwan so atwe nnipa a wɔbu mmara so no aso. Wɔ kɔɔto biara no, yɛwɔ ɔtemuafoɔ ne lɔyafoɔ a wɔtie asɛm hwɛ sɛ wɔde deɛ mmara no da no bɛto.
Kɔɔto Ahodoɔ
[sesa]Kɔɔto dwumadie no wɔ nkyekyɛmu ne nnidisoɔ a wɔde di wɔn dwuma;[1][2][3]
- Yɛwɔ Trial kɔɔto: wɔn na wɔdi kan tie asɛm na wɔgyina asɛm no so nya deɛ ɛhia sɛ wɔnya.
- Yɛwɔ Appelate kɔɔto: wɔn na wɔhwɛ nsɛm a kɔɔto nketewa adi.[4]
- Yɛwɔ Specilised kɔɔto: wɔn na wɔsiesie nsɛm a ɛfa kuo ho te sɛ abusua, adwuma ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.
- Yɛwɔ Criminal kɔɔto: wɔn na wɔsiesie nsɛm a ɛfa wɔn a wɔabu mmara so.[5]
- Yɛwɔ International kɔɔto: wɔn na wɔsiesie nsɛm a ɛfa aman mmienu anaa deɛ ɛboro saa ho.
- Yɛwɔ Civil kɔɔto: wɔn na wɔdi nnipa ntam asɛm,mnwumakuo ntam asɛm nanso ɛnyɛ sɛ wɔn mu bi akɔdi abɔnefosɛm.[6]
- Yɛwɔ Juvenile kɔɔto: wɔn na wɔdi nsɛm a ɛfa mmɔfra ho anaa sɛ wɔn a wɔnuruu wɔn mpaninfeɛ so.
Sɛ wokɔ ɔman biara mu a yɛwɔ kɔɔtopɔn a ɛno ne kɔɔto kɛseɛ pa ara. Saa kɔɔtopɔn no wɔ tumi kɛseɛ wɔ kɔɔto nkaeɛ no nyinaa so.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Court types | EBSCO Research Starters (in English), retrieved 2025-07-21
- ↑ Court - Jurisdiction, Procedure, Judiciaries | Britannica (in English), 2025-07-21, retrieved 2025-07-21
- ↑ Structure of Courts and Tribunals System (in American English), retrieved 2025-07-21
- ↑ Court Role and Structure (in English), retrieved 2025-07-21
- ↑ Northern Territory Government (2015-06-01), Types of courts and their roles (in English), retrieved 2025-07-21
- ↑ Hierarchy of the courts, retrieved 2025-07-21