Julie Okine
| bɔbeasu | female |
|---|---|
| ɔman a ofiri mu | Ghana |
| n'adwuma | singer, singer |
| start of work period | 1957 |
| member of | musical group |
| genre | highlife |
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Julie Okine ka mmaa a wodii kan too Highlife nnwom wɔ Ghana no ho. Ɔno ne ɔbaa nnwomtoni a odii kan too Highlife nnwom a ɛgyee din paa wɔ afe 1957 mu. Nnwom no asɛmti ne 'Nothing But A Man's Slave' (Ɔnnyɛ Hwee Sɛ Barima Akoa). Na ɔka E.T Mensah nnwomtofoɔ kuo a na wɔfrɛ no Tempos no ho.[1][2]
Ne Nnwomtoɔ
[sesa]E. T Mensah a ɔtee Tempos nnwomtofoɔ kuo na ɔde Julie Okine wuraa Hiplife Nnwomtoɔ mu.[1] Wɔ ne berɛ so no, na wobu Hiplife nnwomtoɔ sɛ mmarima nkoaa na ɛto esiane mmeae ahodoɔ a na wotumi kɔ kɔto nnwom no. Wei nti sɛ na ɔbaa bi yɛ n'adwene sɛ ɔbɛto Hiplife nnwom a, na wobu no sɛ ne bra asɛe, ɔmmrɛ ne ho ase na ɔnnyɛ ɔbaa papa. Wei nti berɛ a Julie gyee too mu sɛ ɔbɛto Hiplife nnwom no, na ɔde sɛnea nkorɔfoɔ hu no ne edin a ɔwɔ no ato esiane mu.[3]
Nnwom a ɔtoe a ɛgyee din paa yɛ nea n'asɛmti ne ''Nothing But A Man's Slave' (Ɔnnyɛ Hwee Sɛ Barima Akoa). Ɔtoo nnwom yi wɔ brɔfo kasa mu.
Nnwom no mu nsɛm
[sesa]"I went down one Saturday night just for a bottle of beer, (Dabi mepuee Memeneda anadwo sɛ meekɔpɛ nsa toa baako bi)
I met a lovely Cape Coast boy looking so nice and sweet.(Mihyiaa aberanteɛ kamakama bi wɔ Cape Coast)
He stepped into a taxi cab heading straight for me, (Ɔfaa kar de bɛfaa me)
We went to a busy nightclub and he asked for a table for two,( Yɛkɔɔ 'night club' na ɔgyee pono a yɛn mmienu pɛ betena ho)
We went to a private salon and he asked for a gin and lime,
I searched into my breast pocket nothing was left for me,(Mehwɛɛ me botom na hwee nnim )
He wants to know my name, he wishes to know my name,' (Ɔpɛ sɛ ohu me din, ɛbɛyɛ no dɛ sɛ obehu me din)
If I died of a man`s love I am nothing but a man`s slave."[1] ( Sɛ miwu wɔ ɔbarima dɔ ho a, mennyɛ hwee sɛ ɔbarima akoa)