Jump to content

Joyce Bawah Mogtari

Ɛfi Wikipedia
Joyce Bawah Mogtari
Joyce Bawah Mogtari in 2019
Manpanyin Boafoɔ Soronko
Bere
2025–2028
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
Ɛnkanɛ ɔsoafoɔ abɛdiakiri ma akwansosɛ
Ne ho asɛm
Awo bere
Joyce Bawah Mogtari
Ne manGhananni
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
RelationsOtiko Afisa Djaba (sister)
Mma4
Sukuu a w'akɔUniversity of London
International Maritime Law Institute
N'adwumaMmaranimfoɔ, Kasamafoɔ

Joyce Bawah MogtariGhana mmaranimfoɔ ne amanyɔni a ɔsom sɛ akwansosɛm ho ɔsoafoɔ abɛdiakyiri wɔ Ghana.[1] Mprempren yi, ɔyɛ Ghana[2] manpanin John Dramani Mahama boafoɔ sononko titire. Na ɔyɛ ntamgyinafoɔ a wakokwa wɔ n'adwuma no mu pii, wɔ mpɔtam hɔ ne amanaman ntam.[3]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua

[sesa]

Joyce Bawa Mogtari nkyi firi Savanna mantam no mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu a wɔfrɛ no Wesley Girls Senior High School kɔgyee nteteeɛ wɔ adesua mu. Ɔtoaa so kɔɔ Holborn College, Suapɔn a ɛwɔ London mu baabi a ɔwiee sukuu no na ɔwɔ Bachelor of Laws(LLB) abodin krataa wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson mu(1997). Ɔsan nso wɔ Master’s Degree wɔ 'Maritime' mmara mu (L.L.M.) a ɛfiri 'International Maritime Organization' (IMO) ne 'International Maritime Law Institute' (IMLI) hɔ wɔ Malta, baabi a ɔgyee abasobɔdeɛ sɛ obi a ɔbɔ ne ho mmɔden wɔ amannɔne akwansosɛm mu mmara wɔ IMO. Ɔsan nso wɔ master’s degree wɔ ntawatawadie ano sie ne ntamgyinafoɔ wɔ Kofi Annan International Peacekeeping Training Centre- Ghana.

Amanyɔsɛm

[sesa]

Joyce Mogtari yɛ National Democratic Congress (NDC) no muni. Wasom wɔ Aporɔbɔ akuo wɔ ekuo nom wɔ mfeɛ no mu, a nea ɛka ho ne sɛ ɔsom sɛ mmaranimfo kuo a ɛmufoɔ yɛ aduas.Ɔyɛɛ Mahama mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016) abatoɔ ɔsatuo no kasamafoɔ.Abatoɔ no akyi no, Mahama paw no sɛ ne boafo titire ne ne kasamafoɔ panyin.

Akwantuo ho Ɔsoafoɔ Abɛdiakyiri

[sesa]

Wɔ Oforisuo 2013 mu no, John Mahama paw Joyce Mogtari sɛ ɔnsom sɛ Ɔsoafoɔ Abɛdiakyiri a ɔhwɛ akwantuo nsɛnsɛm so.Ɔsomm wɔ saa dibea no mu kɔsii Ɔpɛpɔn bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson no mu(January 2017). Ɔyɛɛ Mahama mfeɛ mpem mmienu ne du nsia(2016) abatoɔ ɔsatuo no kasamafoɔ.

Adwumayɛfoɔ Fekuo

[sesa]

Joyce Mogtari ka "Ghana Bar Association ne AfricanWomen Lawyers Association"(AWLA) fekuo no ho. Ɔsan nso ka Ghana State Alumni ne mmaa a wɔwɔ" International Shipping and Trade Association" (Wista) mu. Bio nso, Joyce Mogtari yɛ USA-International Visitor Leadership Programme no muni.

N'abrabɔ

[sesa]

Joyce Mogtari waree Hudu Mogtari, a na ɔyɛ ɛnkane Panin a ɔhwɛ nnuane ne nnuro so wɔ asoeɛ hɔ(Food and Drug Authority) (FDA) no panyin. Wɔwɔ mma nnan.Joyce yɛ kane ɔsoafoɔ a ɔhwɛ mmarima ne mmaa, mmɔfra ne asetena mu ahobammɔ so no nuabea kumaa, Otiko Afisa Djaba.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]