James Peace

Wɔwoo Kenneth James Peace Ɛbɔ bosome no da a ɛtɔ so 28, afe 1963 mu, wɔ Paisley. Ɔyɛ nnwom twerɛfoɔ, sankubɔfoɔ ne odwumfoɔ a ɔfiri Scotland.
Ne ho nsɛm
[sesa]Wɔwoo James Peace Ɛbɔ bosome no da a ɛtɔ so 28, afe 1963 mu, wɔ Paisley. Ɔyɛ abɔfra no, ɔtenaa Helensburgh, a ɛyɛ kuro bi a ɛbɛn mpoano wɔ Scotland mfeɛ pii.[1][2][3] Na nnwomtofoɔ bebree wɔ n'abusua mu (ɛho nhwɛsoɔ ne John McGhie), afei nso ne busuani ne Felix Burns, nnwom twerɛfoɔ a na wagye din wɔ asa nnwom mu wɔ afe ha a ɛtɔ so aduonu no fa a ɛdi kan no mu no.[1][4] Ɔfiri aseɛ suaa sankubɔ berɛ a na wadi mfeɛ nwɔtwe, na ɔbɔɔ sanku wɔ badwam berɛ a ɛdi kan no, na wadi mfeɛ dunan. Saa berɛ no, ɔbɔɔ Scott Joplin nnwom.[3] Ɔdii mfeɛ dunsia no, wɔgyee no wɔ Royal Scottish Academy of Music and Drama (a seesei wɔfrɛ no: Royal Conservatoire of Scotland) no mu. Ɔno na na ɔyɛ osuani a ɔsua koraa a wagye no sukuu mu hɔ pɛn. Afe 1983 mu no, ɔwiee Glasgow Suapɔn no a na ɔkura degree abodin krataa wɔ sankubɔ adekyerɛ mu.[1][2][4][5] Afe a ɛdi hɔ no mu no, ɔsan gyee diploma abodin foforɔ wɔ nnwomtoɔ mu berɛ a ɔne RSAMD orchestra bɔɔ Mendelssohn’s Piaano Concerto No.1 wieeɛ no.[4][5] Ɔgyee ne sukuu mu nteteɛ nyinaa wieeɛ no, na nkurɔfoɔ bebree repɛ no ama wabɔ sankuo ama wɔn. Ɔtenaa Edinburgh firi 1988 kɔsii 1991.[1][6]
James Peace tenaa Bad Nauheim, a ɛwɔ Germany firi 1991 kɔsii 2009.[7][8] Ɛfiri 1998 reba no, ɔsuaa tango ho adeɛ, na ɔyɛɛ apaawa bi a na wato din Scottish Tango (Tango escocés), a ɛyɛ ɔno ara ne nimdeɛ a wanya afiri tango mu no na na ɔde abɔ saa sankuo no. Afe 2002 mu no, wɔbɔɔ n'abaso gyee no bɛkaa Victoria College of Music foɔ no ho.[4][9][10][11][12] Saa afe no ara mu no, ɔno nko ara kɔgoroo wɔ mmeaeɛ ahodoɔ wɔ Germany atifi fam wɔ Ɛbɔ/Ahinime bosome no mu kɔsii Obubuo awieeɛ hɔ baabi. Na ɛno ne n'agorɔ a ɛdi kan wɔ ne Tango XVII no mu wɔ Hong Kong.[9][10][11][12][13][14]
Afe a ɛdi hɔ no, ɔgoroo wɔ Europe nko ara. Wagoro ɔno ara ne tango ahodoɔ no wɔ kuropɔn ahodoɔ a ɛdidi soɔ yinom mu: Amsterdam, Atɛns,[15] Bɛɛlin,[16] Brasɛls, Helsinki,[17] Lisbon,[3][18] London, Madrid,[3][19] Oslo,[20] Reykjavík[21] ne Vienna.[22]
Afe 2008 mu no, wɔbɔɔ n'aba so gyee no bɛkaa London College of Musicfoɔ ho ɛsiane adwuma pa a na ɔreyɛ wɔ tango ho no nti.[23][24][25]
Ɔtenaa Edinburgh nna kakra bi no, ɔsan kɔɔ Germany kɔtenaa Wiesbaden wɔ Ɔgyefuo bosome no mu wɔ afe 2010 mu.[1][2] Wei maa ɔyɛɛ nnwuma aforoɔ binom mpo a na ɔnwenee ho, na ɔyɛɛ sini ntiantiaa binom faa ɔno ara ne nnwom binom ho. Sini a wɔayɛ nhwehwɛmu ahyehyɛ a wɔato din K. James Peace in Wiesbaden no ka ne nnwuma ahodoɔ wɔ sa ɔfa yi mu no ho.[23][24][25]
Abasobɔdeɛ ahodoɔ
[sesa]
● Abasobɔdeɛ a ɛdi kan, Agnes Millar Prize. Glasgow, 1983[5]
● Abasobɔdeɛ a ɛdi kan, Dunbartonshire EIS Prize. Glasgow, 1984[5]
● Abasobɔdeɛ a ɛdi kan, Sibelius Essay Prize. Glasgow, 1985[5]
● Diploma abodin, TIM International Composition Competition. Rome, 2000[1][2][6]
● Diploma abodin, IBLA Foundation. New York, 2002[1][2][6]
● Nkaeɛ abasobɔdeɛ, International Piano Duo Association. Tokyo, 2002[26]
● Sika kɔkɔɔ abasobɔdeɛ, Académie Internationale de Lutèce. Paris, 2008[1][2]
Nnwom titire a wɔahyehyɛ
[sesa]● Nsuo a ɛretɔ (The Waterfall)[27]

● Idylls
● Anɔpa Dwom (Aubade)[28]
● Nisuo a ɛnkasa (Lento Lacrimoso)
● Ahaban a yɛgyae guree (Forgotten Leaves)[29]
● Sonata mma oboe ne piano[30]
● Anansesɛm dwom (Ballade)[31]
● Afahyɛ Mars yɛn namba 1[32]
● Afahyɛ Mars yɛn namba 2[33]
● Ahaban a awo sika su (Autumn Gold)[34][35][36]
● Daa Dwom (Eternal Song)[1][37][38][39]
● Ma Georgia Kabimman (Georgia balli ni: საქართველოსთვის), hanya din yi Tamari Chikvaidze, Zurab Chikvaidze ni James Peace sani na
● Tango solo nnwom 24 mma piano[25][40][41][42][43][44][45][46][47][48]
Links afoforɔ
[sesa]Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 3 4 5 6 7 8 9 Birgitta Lamparth. "Keine ‘stacheligen’ Klänge", Wiesbadener Tagblatt (Gyaaman amanneebɔ krataa), Ɔgyefoɔ da a ɛtɔ so 10, 2011
- 1 2 3 4 5 6 Julia Anderton. "Tango wie eine süß-saure Geschichte". Wiesbadener Kurier (Gyaaman amanneebɔ krataa), Ɔbɛnem da a ɛtɔ so 24, 2012
- 1 2 3 4 Soledad Carrizo-Araya. "Una entrevista al compositor James Peace". Hoja de Ruta Digital. Ɔpɛnimma 2022
- 1 2 3 4 Sabine Klein. "Meine Musik ist wie ich - sehr romantisch". Frankfurter Rundschau (Gyaaman amanneebɔ krataa), wɔ mfeɛ 1992 mu, tinim mma a ɛtɔ so 254 - Krataafa 2
- 1 2 3 4 5 G. Müller. "Die Seele des Klaviers tanzt Tango". Kulturspiegel Wetterau (Gyaaman nsɛmmaanhwɛkrataa). Kotonimma da a ɛtɔ so 17, 2001 - Krataafa 5
- 1 2 3 "James Peace". FRIZZ (Gyaaman nsɛmmaanhwɛkrataa). Ɔpɛpɔn, 2004, Krataafa 5
- ↑ Manfred Merz. "Virtuose, gefühlsbetonte Welt der Romantik", Wetterauer Zeitung (Gyaaman amanneebɔ krataa). Obubuo da a ɛtɔ so 12, 1992. Tinim mma dodoɔ: 264, Krataafa 19
- ↑ "James Peace". The Tango Times (New York nsɛmmaanhwɛkrataa). Labaaya namba: 2002/2003 (39). Tinim mma dodoɔ 39. Awɔberɛ 2002/2003, krataafa 1 kɔsi 5
- 1 2 National Library of Scotland. Tango escocés
- 1 2 Philharmonie de Paris. Tango escocés, archived from the original on 2025-09-28, retrieved 2026-10-06
- 1 2 de bibliotheek. Tango escocés, archived from the original on 2025-09-28, retrieved 2026-10-06
- 1 2 "James Peace". La Cadena (Dutchnsɛmkyerɛwee nwoma). Ɛbɔ 2002. Krataafa 26
- ↑ TangoTang, Hong Kong (香港). Nkrataa a wɔkyekyɛ wɔ Hong Kong. Ɔbɛnem 8, 2002
- ↑ "James Peace". 南華早報 (Hong Kong dawubɔ krataa). Ɔbɛnem 9, 2002
- ↑ Dwumadi nhyehyɛe nwoma {Για σένα Αγγελική}. Athens, Oforisuo 27, 2016
- ↑ Tangodanza (Gyaaman nsɛmmaanhwɛkrataa). Tintimbea nɔma: 1/2002 - 9
- ↑ Dwumadi dawubɔ krataa kɛseɛ (Finland dwumadi akwantuo, 2014)
- ↑ Dwumadi dawubɔ krataa kɛseɛ (Portugal dwumadi akwantuo, 2016)
- ↑ Dwumadi dawubɔ krataa kɛseɛ (Spain dwumadi akwantuo: ¡Feliz Cincuenta Cumpleaños - 2013!)
- ↑ Listen.no. James Peace (flygel). Munch Museet. Oslo, Ɔbɛnem 16, 2004
- ↑ Ríkarður Ö. Pálsson. "Skozkir Slaghörputangoár". Morgunblaðið (Iceland dawubɔ krataa). Ɔbɛnem 14, 2004
- ↑ Dwumadi nhyehyɛe nwoma (Vienna). Ɔpɛpɔn 23, 2005
- 1 2 National Library of Scotland. K. James Peace in Wiesbaden
- 1 2 Deutsche Nationalbibliothek. K. James Peace in Wiesbaden
- 1 2 3 Whittaker Live. "Wiesbadener Highlander K. James Peace - New DVD"
- ↑ International Piano Duo Association (東京), Tokyo. Nnipa a wódii nkonim wɔ 2002 din, archived from the original on 2020-05-27, retrieved 2026-10-06
- ↑ Hessisches Staatstheater. Nnwomtoɔ dwumadi nhyehyɛe nwoma zaŋ ti Ɛbɔ 12 ne 19, 2021
- ↑ University of Adelaide Music Library (Barr Smith Library). Aubade no. 1 for cor anglais and string orchestra
- ↑ British Library. Forgotten Leaves : op. 12, for cello and orchestra
- ↑ British Library. Oboe sonata, op. 16
- ↑ British Library. Ballade no.1 : in c major : op.18
- ↑ British Library. Ceremonial march no.1: for organ and orchestra : op. 19
- ↑ British Library. Ceremonial march no.2 : for orchestra : op. 23
- ↑ "Violine schwebt über das Orchester". Schwäbische Post (Gyaaman amanneebɔ krataa). Ayɛwohomumɔ 4, 1994
- ↑ National Library of France. [Autumn gold. Op. 25b]. Arr. pour violon et piano
- ↑ British Library. Autumn gold : for clarinet and string orchestra : op. 25
- ↑ British Library. Eternal Song : for soprano and orchestra : op.32
- ↑ University of Adelaide Music Library (Barr Smith Library). Eternal Song for soprano and orchestre, op.32
- ↑ National Library of Scotland. Eternal Song Op.32, Peace, K. James
- ↑ British Library. Tangos for piano op. 13
- ↑ British Library. Tangos for piano op.17
- ↑ British Library. Tangos for piano op.29
- ↑ British Library. Tangos for piano op.33
- ↑ National Library of Scotland. Tangos for piano op.17, Peace, K. James
- ↑ National Library of Scotland. Tangos for piano op.33, Peace, K. James
- ↑ British Library. Souvenir de Buenos Aires : arr. for string orchestra
- ↑ British Viola Society Newsletter, Tintimbea a ɛfiri Ɔsanaa 2023
- ↑ Hoja de Ruta Digital, México. "Una corta historia del tango". Tintimbea a ɛfiri Ɔsanaa 2024