Jump to content

James Barnor

Ɛfi Wikipedia

Yɛwoo James Barno Hon. FRPS, OV wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduonu nkron(6 June 1929)[1] Ɔyɛ Ghana mfoninitwafoɔ a ɔte London firi afe apem ahankron ne aduokron mu(1990). N’adwuma no fa mfeɛ aduosia ho, na ɛwɔm sɛ wɔ saa berɛ no, na wɔnnim n’adwuma no fa kɛse deɛ,  nanso akyiri yi atiefoɔ foforɔ ahunu. Wɔ ne mmɔnten so ne studio mfoninitwa mu no, Barnor gyina hɔ ma aman a wɔreyɛ nsakrae wɔ 1950 ne 1960 mfeɛ no mu: Ghana a ɔrekɔ ahofadie mu, ne London abɛyɛ kurow kɛse a ɛwɔ amammerɛ ahodoɔ mu.[2]Waka sɛ: "Me tiri yɛɛ yie sɛ mete ase berɛ a nneɛma rekɔ so no...berɛ a na Ghana rebɛde wɔn ho na Ghana bɛnyaa faahodie, na berɛ a mebaa England no na Beatles no wɔ hɔ. Na nnoɔma rekɔ so wɔ mfeɛ aduosia no mu, enti mefrɛ me ho Jim a ne tiri yɛ."[3]Ɔno ne Ghana koowa nkrataa mfoninitwani a ɔdi kan wɔ Afe apem ahankron ne aduonum (1950)no mu, na wɔkyerɛ sɛ ɔde ahosuo ho dwumadie baa Ghana wɔ 1970 mfeɛ no mu.Wɔaka sɛ: "James Barnor yɛ Ghana ne nsɛntwerɛni a ɔde mfonin di dwuma dea ɛna Ousmane Sembène yɛ Senegal ne Afrika sinitwabea.[4]

Barnor aka sɛnea wɔsan hunuu n’adwuma no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson (2007) mu wɔ Ghana mfeɛ aduonum berɛ mu a Nana Oforiatta-Ayim teeɛ no, a ɔyɛɛ ne mfonini ahodoɔ a ɛdi kan a ɔde kyerɛe wɔ Black Cultural Archives (BCA) no ho nhyehyɛeɛ. Anisɔ a ɔwɔ wɔ n’adwuma sɛ nsɛntwerɛni a ɔde mfonin di dwuma ne abibifoɔ asetena mu mfoninitwani akɔ soro kɛse firi 2010 berɛ a wɔde ne mfonin ahodoɔ a ɔno nkutoo de kyerɛe kɛse a ɛfa ne mfonini ahodoɔ ho, wɔdi aberanteɛ: James Barnor, sii Rivington Place, London, na wɔde ɔyɛkyerɛ ahodoɔ a ɛtoatoa so a ɛka ho wɔ United States ne South Africa dii akyi.Ne mfonin ahodoɔ no, dwumakuo a ɛnyɛ adwuma a wɔde hwehwɛ mfasoɔ a wɔfrɛ no Autograph ABP no boaboaa ano wɔ mfe anan adwuma bi a Heritage Lottery Fund de sika boaeɛ mu na wɔ mfeɛ 2011 mu no ɛbɛyɛɛ baabi yɛkoraa nnoɔma ne baabi a yɛyɛ nhwehwɛmu amammerɛ ahodoɔ mfonintwa ho.

Mfeɛ a atwam no na wɔyi Barnor mfonin ahodoɔ no wɔ Ghana, France (Paris Photo 2011,[15] Galerie Baudoin Lebon; Galerie Clémentine de la Féronnière), Netherlands. Wɔtintim ne mfonin adwuma no a ɛdi kan a wɔato din James Barnor: Ever Young, wɔ mfeɛ 2015 mu, a nkɔmmɔbɔ kɛse a ɛkɔɔ so wɔ Barnor ne Margaret Busby ne Francis Hodgson ntam ka ho.

Solo Oyikyerɛ

[sesa]

2007: Mr Barnor's Independence Diaries, Black Cultural Archives, London, UK

2022: James Barnor: Stories. Pictures from the Archive (1947–1987), LUMA Arles[5]

  • 2010: James Barnor: Ever Young, Rivington Place, London, UK[6]

2010: James Barnor: Ever Young, Street and Studio Photography, Ghana/UK, Hutchins Center for African & African American Research, Harvard University, Boston, US (28 January–26 May)

Ekuo Yikyerɛ

[sesa]

2004: Acton Arts Festival

2012: Another London: International Photographers Capture London Life 1930–1980, at Tate Britain, London, UK (27 July–18 September)

  • 2015: Swinging Sixties London - Photography in the Capital of Cool, Foam Fotografiemuseum Amsterdam, Amsterdam, the Netherlands (11 June–2 September)
  • 2015: Staying Power: Photographs of Black British Experience 1950s-1990s, BCA (15 January–30 June) and V & A (16 February–24 May), London, UK
    • 2015: Work, Rest and Play: British Photography from the 1960s to Today, Photographers' Gallery, London, UK (9 May–12 July)
    • 2016: Daniele Tamagni and James Barnor, October Gallery, London, UK (8–30 September)
      • 2017–2018: It’s great to be young, photographies de James Barnor et Marc Riboud, Galerie Clémentine de la Féronnière, Paris

Collections

[sesa]

Victoria and Albert Museum, London[7]

Tate, UK[7]

Government Art Collection, UK[7]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. James Barnor", Serpentine Galleries
  2. Alexandra Genova, "Party time! The photographer who captured the other swinging sixties", The Guardian, 29 November 2019.
  3. Kwaku, "Lucky Jim, still working at 81", New African, April 2011, pp. 80–82.
  4. Tiffani Jones, "Secret History of the Black Pinup: Drum Magazine and James Barnor", Coffee Rhetoric, 23 August 2012.
  5. "James Barnor: Stories. Pictures from the Archive (1947–1987)", LUMA Arles, 2022.
  6. "James Barnor". Tate. Retrieved 14 March 2019.
  7. 1 2 3 Exhibitions past: "Ever Young" Archived 1 April 2019 at the Wayback Machine, Impressions Gallery