Jump to content

Ibrahim Mahama (artist)

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use American English

Ibrahim Mahama
Awo bere1987 (age 37–38)
AdesuaKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaArtist
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Wɔwoo Ibrahim Mahama wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nson(1987) mu. Ɔyɛ Ghana mfoniniyɛfoɔ a ɔyɛ nkaedum a wɔde si adan mu.[1] Ɔte Nkran na ɔsane yɛ adwuma wɔ Nkran, Kumasi ne Tamale, Ghana.[2] Ɔno na ɔhyehyɛɛ Red Clay Studio, Savannah Center for Contemporary Arts ne Nkrumah Volini.

Red Clay Studio.
Shine a Light, 2022. Installation view at Sharjah Biennial 2023 at Al Dhaid
Red Clay Studio.

Nwomasua

[sesa]
Mahama's installation on a German castle.
Porta Venezia covered by old jute sacks.

Ɔnyaa Master of Fine Arts abodin krataa wɔ mfoniniyɛ ne nsusuwso mu wɔ afe mpem mmienu ne dummiɛnsa (2013) mu ɛnna ɔnyaa Bachelor of Fine Arts abodin krataa wɔ mfoniniyɛ mu wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn Kumasi, Ghana.[3]

N'adwuma

[sesa]

Ɔtaa de nneɛma a ɔde n'ani hunu no ɛyɛ n'adwuma wɔ berɛ a ɔyɛ nsakraeɛ ma no yɛ te  sɛ ɔno ara ne deɛ na ɔde nkyeraseɛ foforɔ de ama wɔn.  Ɔno na ɔyɛ abɔfra wɔ mfoniniyɛfoɔ no mu a wɔdaa no adi wɔ Ghana Pavilion mu wɔ afe mpem mmienu ne dunkron (2019) Venice Biennale. Wɔdaa n’adwuma adi de kyerɛɛ wɔ International Art Exhibition of the Venice Biennale a na ɛtɔ so aduonum nsia (56) wɔ Italy wiase nyinaa daakye a Okwui Enwezor hwɛɛ so wɔ afe mpem mmienu ne dunum (2015) mu no.[4]

Mahama de ne nnwuma de kyerɛ wɔ Ghana dwa so, ne mfonini (galleries) nso. Tirimupɔ a na ɛwɔ ho ne sɛ ɔbenya adwene bi de afa botae a ɛwɔ ne n'adwuma no nhyehyɛeɛ ho. Ɔyɛ mfoniniyɛfo ne odumgyafo nso.Wɔ afe 2013 mu no, Stefan Simchowitz ne Dublin Gallerist Ellis King de asɛm kɔdane Mahama. Na Mahama no atua wɔn ka, nanso wɔampene sɛ wɔbɛma nnoɔma ada adi wɔ nnwuma a wɔyɛeɛ firii Mahama mfidie no mu wɔ Ghana fango kotokuo mu no. Wɔ afe 2016 mu no, SimChowitz ne Mahama seesei wɔn ntam.

Wɔ afe 2019 mu no, ɔfiri Savannah Center for Contemporary Art (SCCA) ase wɔ TAMALE .

Ɛfa ne mmɔdemmɔ ne ne mpontuo a ɔnam adwinni so ayɛ wɔ Abibirim ha no, ''theafricareport.com'' bɔɔ Mahama abaso sɛ ɔbibini a ɔtɔ so aduonson mmiɛnsa(73) a wagye din yie wɔ Afrikafoɔ ɔha (100) a wɔn agye din kɛseɛ no mu wɔ mfe mpem mmienu ne dukron, mfe mpem mmienu ne aduonu (2019/2020).

N'abrabɔ

[sesa]

Mahama aware Khadija Yussif Iddi. Nnipa baanu yi waree wɔ bosome a ɛyɛ Kitawonsa, mfe mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa mu (July 2023)  wɔ kokoam wɔ Tamale .

Deɛ watumi ayɛ

[sesa]

Wɔpaw Owura Ibrahim Mahama sɛ adwinni ho ɔkwankyerɛfo wɔ 35th Ljubljana Biennale of Graphic Arts wɔ mfe mpem mmienu ne aduonu mmiɛnsa (2023) mu. Ɔkaa saa asɛm kɛseɛ yi wɔ ne Twitter handle so: "te nka sɛ ɛyɛ anisɔ na ɔhwɛ adwumayɛ ne nkɔmmɔdie bebree kwan. Ghana de kɔ wiase''.

Baabia menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 5 Contemporary Artists in Ghana | Asiwome Writes, 2020-01-31, archived from the original on 2020-01-31, retrieved 2025-05-24
  2. http://www.tyburngallery.com/artist/ibrahim-mahama/ (in British English), retrieved 2025-05-27 {{citation}}: External link in |title= (help)
  3. IBRAHIM MAHAMA (in German), retrieved 2025-05-24
  4. http://www.tyburngallery.com/artist/ibrahim-mahama/ (in British English), retrieved 2025-05-24 {{citation}}: External link in |title= (help)