Jump to content

Hyireguo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hyireguo yɛ amanneɛ a wɔyɛ wɔ Akanfoɔ awareguo mu no baako[1]

Sɛ wɔregu awareɛ a ɔbaa no nkumaafoɔ a wɔyɛ ɔbarima warefoɔ no nunom mmaa tu hyire de gu ɔbaa no so de kyerɛ sɛ awareɛ no agu. Hyireguo ne amanneɛ a ɛtwa toɔ wɔ awareguo mu. Sɛ wɔyɛ amanneɛ nkaeɛ no nyinaa wie mpo na sɛ hyireguo mmaeɛ a, na kyerɛ sɛ awareɛ no nya nguiɛ. Hyireguo no gyina hɔ ma nkunimdie. Ɛkyerɛ sɛ ɔbaa a ɔregyae awareɛ no afa ne ho tɔtotrɔtɔ. Ɔne ɔbarima no nni twaka biara nti ɔtumi ware foforɔ [2].

Ɛhefoɔ na Wɔgu Hyire

[sesa]

Hyireguo yɛ ɔbaa a ɔregya awareɛ no nkumaafoɔ, ɔbarimawarefoɔ no nuanom maa asɛdeɛ. Amammerɛ kwan so, obiara nni hobkwan sɛ ɔgu hyire gye sɛ mmaa yi[3].

Sɛdeɛ Wɔgu Hyire

[sesa]

Hyireguo no mu no, ɔbaa no nkumaafoɔ de nsuo hono hyire. Afei, wɔde ɔdwene ahaba bobɔ mu a, ba wɔde afefa ɔbaa no kɔn mu. Wɔyɛ yei kɔsi sɛ wɔde bɛsera ne kɔn ho nyinaa. [4][5]

Hyirekokɔ

[sesa]

Hyirekokɔ yɛ sika bi a ɔbaa a ɔregyae awareɛ no nkumaafoɔ gye firi ne hɔ ansa na wɔde hyure no ago ne so de akyerɛ sɛ wadi nkunim[6]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Google Search, retrieved 2025-08-04
  2. Rockson Adofo, What is the last stage of the Akan’s traditional divorce procedure? (in English), retrieved 2025-08-04
  3. Rockson Adofo, What is the last stage of the Akan’s traditional divorce procedure? (in English), retrieved 2025-08-04
  4. Rockson Adofo, What is the last stage of the Akan’s traditional divorce procedure? (in English), retrieved 2025-08-04
  5. Google Search, retrieved 2025-08-04
  6. rituals in Akan Divorce right - Google Adehwehwɛ, retrieved 2025-08-04