Jump to content

Hye Won Hye

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
hye won hye
Adinkra symbol
part ofAdinkra Ahyɛnsodeɛ Sesa
titlehye won hye Sesa

Hye won hye ahyɛnsodeɛ no yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ a agye din wɔ Ghana no mu baako. Nsɛnkuo no ase kyerɛ sɛ ''adeɛ a ɛnhye''. Nti, nsɛnkyerɛnne no yɛ adeɛ bi a ɛgyina hɔ ma animia, nkoden ne nsiyɛ. [1]

Abakɔsɛm

[sesa]

abakɔsɛm kyerɛ sɛ tee akɔmfoɔ a na wɔnante gya so no ɛna yɛnam wɔn so nyaa saa ahyɛnsodeɛ anaa nsɛnkyerɛnne yi. Na akɔmfoɔ yi yɛ saa de kyerɛ wɔn tumi san nso de kyerɛ sɛ, akansie biara a ɛbɛba wɔn akwan mu no, wɔbɛtumi abunkam afa so [2] [3]

Ɛboro nnipa nteaseɛ so sɛ obi bɛtumi anante gya so wɔ berɛ a ɔmpira, nanso yei yɛ kwan a na abibirem akɔmfoɔ fa so kyerɛ wɔn tumi. Ɛnnɛ yi mpo, wɔda so yɛ a wɔn ho baabiara nte kyema.[4]

Deɛ ɛgyina hɔ ma

[sesa]

Sɛ wɔde saa ahyɛnsodeɛ yi di dwuma wɔ baabi a,  deɛ wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, wɔrehyɛ afoforɔ nkuran ma wɔde animia abɔ bra. Sɛ onipa tumi nante gya so na ɔrempira dea, ɛnneɛ na biribiara nni hɔ a sɛ onipa bɔ ne tirim pɔ sɛ ɔbɛyɛ a ɔrentuni nyɛ. Yei yɛ ɛkwan a nkorɔfoɔ fa so de saa ahyɛnsodeɛ yi yɛ nkuranhyɛ.[5]

Dwumadie

[sesa]

Sɛdeɛ adinkra ahyɛnsodeɛ nkaeɛ no nyinaa teɛ no, saa ara nso yei teɛ. Ɛrekame ayɛ sɛ ɛdi dwuma wɔ baabiara. Sɛ ebia, adan ho, ntaaseɛ mu, ahyeampoma so, nnwumakuo ne sukuu binom ahyɛnsodeɛ mu ne deɛ ɛkeka nso. Adwumfoɔ nni ho agorɔ koraa [6] Adwinnie a wɔde yɛ no bi boɔ yɛ den ankasa. Ebi koraa tumi yɛ $ 104.99 [7] Ɛnam abakɔsɛm a ɛbata ho nti, ɛbinom frɛ no ''Mansa Musa Ahyɛnsodeɛ''. Mansa Musa yɛ onipa bi a, wagye din wɔ abibifoɔ abakɔsɛm mu yie pa ara. Na ɔyɛ obi a ne ho yɛ hu, na ɔyɛ kokodurufoɔ. Nti wɔde ne din to ahyɛnsodeɛ bi so a, ɛsɛ fata.

  1. West African: HYE WON HYE "that which does not burn ". Symbol of imperishability and endurance. | African symbols, Symbols, Adinkra symbols (in English), retrieved 2025-06-05
  2. Nana Kwabena (2020-09-15), Hye Wo Nhye (Hye Anhye) (in English), retrieved 2025-06-05
  3. Adinkra Symbols of West Africa: Hye Won Hye, retrieved 2025-06-05
  4. Adinkra Symbols of West Africa: Hye Won Hye, retrieved 2025-06-05
  5. Adinkra Symbols of West Africa: Hye Won Hye, retrieved 2025-06-05
  6. Mailing Address: African Burial Ground NM C/O Federal Hall National Memorial 26 Wall St New York, NY 10005 Phone: 212 238-4367 Contact Us, HYE WON HYE - Imperishability and Endurance - African Burial Ground National Monument (U.S. National Park Service) (in English), retrieved 2025-06-05 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  7. West African: HYE WON HYE "that which does not burn ". Symbol of imperishability and endurance. | African symbols, Symbols, Adinkra symbols (in English), retrieved 2025-06-05