Jump to content

Hwɛhwɛmudua

Ɛfi Wikipedia

Hwehwɛmu dua (hwe mu dua)adinkra agyinahyɛdeɛ a ɛkyerɛ yɛn su a ɛkorɔn, pɛpɛɛpɛyɛ, nimdeɛ, ne nhwehwɛmu a ɛyɛ krogyee ho nsɛnkyerɛnne. Saa agyinahyɛdeɛ yi, dodoɔ naa firiɛ no ''Hwe mu dua'' nso, ne din ankasa ne ''Hwehwɛmu dua''a ɛkyerɛ nhwehwɛmu.[1]

Hwehwɛmu dua: gyina hɔ ma, nhwehwɛmu, sɔhwɛ, anaa gyina pa ahodoɔ. Ɛkae nkurɔfo sɛ wɔnhwehwɛ nneɛma mu.[2]

Amammerɛ a Ɛfa Ho

[sesa]

Ɔde ''Hwehwɛmu dua'' si hia a ɛho hia sɛ, wɔ susu nneɛma ho yiye, na wɔ susu adwumayɛ anaa suban ho. Ɔde gyina gyina pa ahodoɔ a ɛdan so. Wɔtaa de di dwuma wɔ tebea ahodoɔ a wɔ si pɛpɛɛpɛyɛ, atemmu, anaa nokware hwehwɛ so dua, te sɛ nhomasua, nsaanodwuma, akanni, ne akorankoran nkɔsoɔ mu.[3]

Adinkra agyinahyɛdeɛ "Hwehwɛmu dua" firi Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana mu. Ɛgyina hɔ ma nea ɛkyɛn so, su a ɛkorɔn, pɛpɛɛpɛyɛ, nimdeɛ, ne nhwehwɛmu a ɛyɛ krogyee. Wɔtaa frɛ no "nhwehwɛmu poma" anaasɛ susu dua poma, a ɛkyerɛ abusuabɔ a ɛda nhwehwɛmu, su pa sohwɛ, ne adwene mu nhwehwɛmu.[4]

Beaeɛ A Wɔde Di Dwuma

[sesa]

Wɔde di dwuma wɔ Ghana Asoɛe ahodoɔ mu:

Nnwumakuo te sɛ:

Ghana Standards Authority de Hwehwɛmu dua di dwuma sɛ ne agyinahyɛdeɛ, a wɔ de kyerɛɛ nnoɔma a wɔapene so.[5]

Independent Examinations Committee (IEC) a ɛwɔ Ghana nso de Hwehwɛmu dua aka ne ho, a ɛkyerɛ atetesɛm, nimdeɛ, nkɔsoɔ, ne adesua mu mmɔdenbɔ ho nsɛnkyerɛnne[6]

Daa no daa, yɛbɛ hunu sɛ Akanfoɔ Ahenfo nom bi de, agyinahyɛdeɛ 'hwehwɛmu dua'' no ɛsi wɔn akyeampɔn ma so,[7] a ɛkyerɛ, Nimdeɛ ne Nhwehwɛmu a wɔyɛ no yiye.

Ɛsane nso gyina hɔ ma Ɔhene pɔn bi nnimdeɛ ne tumii a wɔ wɔ.[8][9]

Amammereɛ mu Nkyerɛaseɛ:

[sesa]

Ɛda Akanfoɔ amammereɛ agyapadeɛ ne wɔn gyina pa a ɛyɛ fɛ adi. Ɛdi dwuma sɛ atwedeɛ a ɛda atetesɛm ne nnoɔma foforɔ ntam, na ɛtwe adwene si hia a ɛho hia sɛ wɔ bɛyɛ baako.[10]

Sɛ yɛka ne nyinaa bom a,'' Hwehwɛmu dua'' yɛ agyinahyɛdeɛ a tumi wɔ mu a ɛka gyina pa ahodoɔ a ɛfa mmɔdenbɔ, nimdeɛ, ne nsusueɛ a ɛyɛ krogyee ho. Ghana amammerɛ de gyina hɔ ma amansan nnyinasosɛm ahoɔdoɔ a ɛfa su pa ne adwene mu nhwehwɛmu ho.[11][12]

Baabi a meyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Nana Kwabena (2020-09-15), Adinkra Symbols & Meanings (in English), retrieved 2025-05-24
  2. Nana Kwabena (2020-09-15), Adinkra Symbols & Meanings (in English), retrieved 2025-05-24
  3. "adinkra, n.", Oxford English Dictionary, Oxford University Press, 2024-10-10, retrieved 2025-05-25
  4. Kwame Omono Asamoah, Michael Adjeisah, Martha Asamoah Yeboah, Raji Rafiu King, Godwin Ferguson Achaab, Kingsley Adjei (2024), Adinkra Symbol Recognition Using Classical Machine Learning and Deep Learning, retrieved 2025-05-25{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Home - Ghana Standards Authority (in American English), 2017-01-02, retrieved 2025-05-25
  6. Independent Examinations Committee | Ghana, retrieved 2025-05-25
  7. Alexander Ives Bortolot (2003-10-01), Art of the Asante Kingdom - The Metropolitan Museum of Art (in English), retrieved 2025-05-25
  8. The linguist staff - A symbol of authority (in British English), 2023-05-20, retrieved 2025-05-25
  9. The linguist staff - A symbol of authority (in British English), 2023-05-20, retrieved 2025-05-25
  10. Kwadwo Oppong-Wadie (2023), Akan Proverbs and Adinkra Symbols as Tools of Communication: Implications for Contemporary Education, Washington DC: AERA, doi:10.3102/2005624, retrieved 2025-05-25
  11. Adinkra Symbols of West Africa, archived from the original on 2025-05-12, retrieved 2025-05-25
  12. Kwadwo Oppong-Wadie (2023), Akan Proverbs and Adinkra Symbols as Tools of Communication: Implications for Contemporary Education, Washington DC: AERA, doi:10.3102/2005624, retrieved 2025-05-25