Jump to content

Harimia Ahmed

Ɛfi Wikipedia
Harimia Ahmed
N'adwumaMmaranimni
Years active1981–premp so
Yɛnim no sɛƆbaa mmaranimni a ɔdi kan wɔ Comoros; kan Comoros Ɔsoafo a Ɔhwɛ Mmara; Comorian bar council panyin; Senegal ananmusini a ɔhwɛ Comoros (honorary consul)
NehokaniDr Ahamada Said Fazul

Harimia Ahmed yɛ Comoros ni mmaranimni. Ɔyɛ ɔbaa mmaranimni a ɔdi kan wɔ ɔman no mu. Wayɛ Ɔsoafo a Ɔhwɛ Mmara ne bar council panyin. Ahmed adi dwuma sɛ mmaranimni ma wɔn a wɔdi asɛm wɔ ɔman no asɛmten mu[1].

Adwuma

[sesa]

Harimia Ahmed yɛ Idi Nadhoim yere, na ɔyɛ Vice-President of the Comoros fi 2006 kosi 2011[2][3][4]. W'adi dwuma sɛ mmaranimni fi 1994. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdi kan a ɔyɛɛ mmaranim wɔ Comoros. Wɔ Oforisuo 2003 mu no[5][6], Ahmed gyinaa Comoros ananmu wɔ Indian Ocean Law Faculty Competition a ɛtɔ so nnan (4th) wɔ Moroni. Mmaranimfo fi Comoros, Madagascar, Mauritius, ne Réunion (France) nyinaa bɔɔ mu yɛɛ fictitious public trial[7].

Bar Council Dwumadie

[sesa]

Ahmed yɛɛ Comoros bar council panyin mpɛn mmiɛnsa (three terms). Ɔkaa sɛ bar council no fi mmaranimfo baanu (2) wɔ 1968 mu kɔɔ mmaranimfo ɔha a ɛboro 40 wɔ ne bere awieeɛ. Nʼapɛdeɛ ne sɛ ɔbɛma; Ahodwo, Pɛ, Adwumayɛ yie wɔ council no mu[8]. Bere a na ɔyɛ bar council panyin no, Ahmed som sɛ legal adviser ma Comoros aban . Wɔ 2007 mu no, ɔyɛɛ Ɔsoafo a Ɔhwɛ Mmara[9][10][11]. Wɔ 2010 mu no, Ahmed yɛɛ vice-president ma Comoros chapter of the Africa Center for Strategic Studies . Wɔ 2012 mu no, wɔpaw no sɛ Senegal ananmusini a ɔhwɛ Comoros (honorary consul)[12][6].

Asɛmten Dwumadie Titiriw

[sesa]

Cheikh Ali Bacar Kassim Asɛm (2000)

[sesa]

Wɔ 2000 mu no, Ahmed yɛɛ defence counsel ma Cheikh Ali Bacar Kassim. Na ɔyɛ Comoros Assembly muni dedaw a ɔtiaa mmarahyɛbagua tu guo no mu panyin ne ɔmanpanin Assoumani Azzali. Na Kassim ada sikasɛm amumɔyɛ (financial scandals) a ɛkɔɔ aban so adi. Wɔamma Ahmed kwan sɛ ɔnkɔhyia Kassim. Eyɛ maa Kassim yɛɛ aduan ɔkɔm (hunger strike).

Salimou Mogamed Amiri Asɛm (2011)

[sesa]

Wɔ 2011 mu no, Ahmed gyinaa Brigadier-General Salimou Mogamed Amiri ananmu . Na ɔyɛ Comoros Army chief of staff dedaw . Wɔde asɛm bi sii ne so; Lieutenant-Colonel Combo Ayouba ɔkum ne Atuatwe[13]. Wɔbɔɔ Amiri ho bammɔfo dunan (14 bodyguards) sobo sɛ wɔyɛɛ atuatwe wɔ bere a wɔrebɛkyere wɔn panyin no mu[14]. Wɔbuu Amiri ne ne bammɔfo nyinaa (gyato anan) sɛ wɔnni fɔ wɔ atuatwe so. Nanso Amiri da so di ɔkum asɛm no ase na wɔde no too afiase wɔ fie (house arrest)[14].

Ne Kurom Nsɛm

[sesa]

Harimia Ahmed yɛ Dr Ahamada Said Fazul yere .

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. ↑ Making sure you're not a bot!, retrieved 2026-03-26
  2. ↑ COMOROS ISLANDS • Couple takes its distance from Sambi - 06/11/2010 - The Indian Ocean Newsletter (in English), 2010-11-04, retrieved 2026-03-26
  3. ↑ Wayback Machine (PDF), archived from the original (PDF) on 2017-05-01, retrieved 2026-03-26
  4. ↑ Interview : IDI Nadhoim, ancien vice président de l'union des Comores (in French), retrieved 2026-03-26
  5. ↑ Wayback Machine (PDF), archived from the original (PDF) on 2017-11-10, retrieved 2026-03-26
  6. 1 2 Harmia Ahmed nommée consul honoraire du Sénégal à Moroni (in French), retrieved 2026-03-26
  7. ↑ Quatrième concours des facultés de droit de l océan Indien des droits de l homme Moroni, avril PDF Free Download, archived from the original on 2017-11-10, retrieved 2026-03-26
  8. ↑ Passation de service du bâtonnier du conseil de l’ordre des avocats / Me Harmia passe le flambeau à Me Mzimba | La Gazette Des Comores (in French), retrieved 2026-03-26
  9. ↑ World Bank (2006-01-01), Doing Business 2007: How to Reform (in English), World Bank Publications, ISBN 978-0-8213-6489-5, retrieved 2026-03-26
  10. ↑ Our correspondents & consultants | AQUEREBURU & Partners (in American English), archived from the original on 2018-03-17, retrieved 2026-03-26
  11. ↑ COMOROS ISLANDS • Serious conflict at the top - 19/01/2008 - The Indian Ocean Newsletter (in English), 2008-01-18, retrieved 2026-03-26
  12. ↑ Africa Center (2010-01-19), CBW 19 Jan 420, retrieved 2026-03-26
  13. ↑ Affaire Salimou: L'ancien chef d'état-major de l'AND relaxé par le tribunal (in French), retrieved 2026-03-26
  14. 1 2 人民网--404页面, archived from the original on 2020-08-24, retrieved 2026-03-26