Gyewu Atiko(Gyawu Atikɔ)
Gyawu Atikɔ/Gyawu Atiko yɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne a agye din wɔ Ghana pa ara no mu baako. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛmpa adwini mu. Ɛrekame ayɛ sɛ adwumfoɔ nyinaa de di dwuma wɔ Ghana ha. [1][2]
Ne nkyerɛaseɛ
[sesa]Asɛmfua no kyerɛ onipa bi a yɛfrɛ no Gyawu atikɔ [3] Edin (Gyawu Atikɔ) no kyerɛ onipa bi a wɔfrɛ no Gyawu atikɔ. Sɛdeɛ nsɛnkyerɛnne nkaeɛ no nyinaa kasa no, saa ara na Gyawu Atikɔ ahyɛnsodeɛ no nso kasa. Sɛ obi de di dwuma wɔ biribi mu a, sɛ ebia ataadeɛ ne adwinnie ahodoɔ mu a ɔde regyina hɔ ama aniɛden, ahoɔden ne akokoduro. [4]
Abakɔsɛm
[sesa]Abakɔsɛɛm kyerɛ sɛ, wɔnam ɔhene kokodurufoɔ bi so na wɔnyaa saa ahyɛnsodeɛ no. Na ɔyɛ ɔsahene; na na ɔyɛ ahoɔdenfoɔ ne Kokofufoɔ a ɔnni nkuguo. Wɔde ahyɛnsodeɛ yi toto ɔhene yi tiri so nwi ho. Wɔkyerɛ sɛ na ɔhene yi akyekere ne tiri so nwi no fa a ɔnyiiɛ no abɔ n'atikɔ, na ɛno na na ɛyɛ n'ahoɔden no nyinaa farebae. Ɛno ne n'akokoduro, n'aniɛden ne n'adeɛ nyinaa.[5] Nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma atuhoakyɛ honhom a Akanfoɔ wɔ ne ɔpɛpa a wɔwɔ a wɔde tu wɔn ho si hɔ som wɔn man.[6] Na Gyawu yɛ Bantama, Asante mmorɔno no baako hene a na ne ho yɛ de pa ara wɔ akono. Ebino nso frɛ no Kwatakye. Nti nsɛnkyerɛnne a wɔde ne din too so no, ebinom frɛ no Kwatakye ne Gyawu Atikɔ [7]
Ne Dwumadie
[sesa]Saa ahyɛnsodeɛ yi ho abakɔsɛm nti, agye din pa ara wɔ Ghana. Wɔde di dwuma wɔ nneɛma bebree mu. Adwinnie mu, wɔde di dwuma. Sikadwumfoɔ de yɛ nneɛma pii. Wɔyɛ nneɛma a nabɔsuo no te sɛ saa ahyɛnsodeɛ a yɛreka ho asɛm yi. Ɛbi ne asomadeɛ, nkawa ne ade. Saa nneɛma yi bi boɔ yɛ den pa ara. Adwinnie a wɔde ayɛ no bi boɔ yɛ $52.00 [8] Duadwumfoɔ nso de di dwuma ahodoɔ pii. Wɔsene nneɛma a, na wɔde saa ahyɛnsodeɛ yi atoto ho [9]
Baabi a Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Gyawu Atiko Adinkra Symbol - Adinkra Symbols - African Symbols (in American English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Kwatakye and Gyawu Atiko (in American English), 2024-05-15, retrieved 2025-06-02
- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), Gyawu Atiko (in English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Gyawu Atiko Earrings (in English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Gyawu Atiko Earrings (in English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Gyawu Atiko Earrings (in English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Gyawu Atiko Earrings (in English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Gyawu Atiko » Adade Kofi (in American English), retrieved 2025-06-02
- ↑ Gyawu Atiko Earrings (in English), retrieved 2025-06-02