Gyedu-Blay Ambolley
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gyedu-Blay Ambolley yɛ Ghanani ɔsan yɛ highlife dwontoni, dwomtwerɛni, dwomyɛni ne dwontoni. Dwontoni a ɔdi kan a ɔfiri Ghana a ɔde rap wuraa Ghana dwomtoɔ mu, Ambolley yɛɛ dwom Simigwa.
Gyedu-Blay Ambolley | |
|---|---|
| Ne ho asɛm | |
| Awo bere | 1947 (age 78–79) |
| Origin | Sekondi-Takoradi, Ghana Los Angeles, United States |
| Genres | |
| Occupation(s) |
|
| Years active | Early 1970s–present[1][2] |
Gyedu-Blay Ambolley dwontoɔ hyɛɛ asɛ firii Sekondi-Takoradi, Ghana, ɛhɔ na wɔkyerɛɛ no abibi nnwom wɔ ne mmɔfra ase. Ne dwontoɔ sua hyɛɛ aseɛ berɛ a na ɔwɔ mfeɛ du-nnan ɛnna ɔsuaa n'atenetene firii n'agya ne deɛ ɔsuaa firii afoforɔ bi te sɛ Sammy Lartey ne Ebo Taylor. Ambolley yieyɔ hyaaseɛ firii ne dwom ɔde baeɛ a yɛfrɛ no "Simigwa-Do" wɔ afe 1973 a wɔkaa sɛ Ghana dwom a wɔde kasahare baa mu. Wei maa highlife dwom nyaa animuonyam na ɛnam so maa no nyaa abɔdin sɛ highlife dwom mu papa. Ambolley's nnwom tra kɔɔ aman afoforɔ so maa ɔkɔdii dwuma ne titire ne London ne aman nkae a ɔkyerɛɛ ne tumi a ɔwɔ wɔ dwom so. Wɔakae n'adwuma maa ɔnyaa abasobɔ firii Philadelphia a na ɛrekyerɛ sɛdeɛ woanya nsunsuansoɔ wɔ Ghana dwontoɔ mu wɔ US. Adwuma a Ambolley bɛyɛɛ no da so hyɛ afoforɔ nkoran sɛ ɔda so yɛ highlife dwontoɔ mu nipa titire.
Abrabɔ ahyaseɛ ne nwomasua
[sesa]Wɔwoo Gyedu-Blay Ambolley wɔ Ɔbenem bosome ne da a ɛtɔ so du-baako afe apem ahankron aduanan-nson Ɔbɛnem 11, 1947 wɔ Sekondi-Takoradi a ɛwɔ Ghana. Ɛfiri ne mmɔfraberɛm mu na wɔde no hyɛɛ dwontoɔ ahodoɔ mu a ɛbi ne Ghana abibi dwom, highlife dwom, jazz ne funk dwom. Saa adeɛ yi na ɛhyɛɛ no maa no pɛɛ dwontoɔ na ɛbɔɔ kwan maa ne daakye adwuma. Ɔyɛ obi a ɔto dwom, ɔtwerɛ dwom ɛna ɔde nnwom so ba abɔntene na ɛbinom se ɔno na ɔde afro rap bae.Ɔde jazzy highlife dwom hyɛɛ adwontobea ahodoɔ a wɔfrɛ no Simigwa-Do.
Ɔnyaa mfeɛ nnwɔtwe n'ani gyee nnwontoɔ ho. Ɔhyɛɛ aseɛ de ne papa atɛntɛnbɛn dii agorɔ kɔpem sɛ ɔkyerɛɛ ne ho bɔ. Ne dwom sua hyaa aseɛ berɛ ɔnyaa mfeɛ du-nnan no. Dwontoni kumaa yi kɔɔ so suaa dwontoɔ yi firii Sammy Lartey ne Ebo Taylor. Ambolley faa ne berɛ tiee nnwom a wɔn a wɔyɛ nnwom wɔ United state. Ɔhyɛɛ aseɛ totoo adwontofoɔ yi dwom, adwontofoɔ bi te sɛ, James Brown, Ray Charles ne Sam Cook.
Wɔ 60s, Dwontoni kumaa yi anigyeɛ berɛ a ɔtee ne din wɔ akasafidie a agye din a dwuma a na wɔredi ne sɛ "Voice of America Jazz Hour. Ne din hyetaa wɔ ne dwom Simigwa mu wɔ ne dwom a ɛdi kan a ɔde baa afe 1973 mu. Berɛ a ne dwom gyee din no, ɔdii adwontokuo ahodoɔ pii anim ne deɛ ɛyɛ ɔno ara dea wɔ afe 1979-80. N'adom akyɛdɛ no na nni Ghana nko ara. Wɔtoo ne nsa frɛɛ no wɔ London maa no bɛtoo dwom. Ɛnam sɛ na wadinim wɔ dwontoɔ mu no na ɛwɔ sɛ adwontofoɔ sɔ ne dwontoɔ no hwɛ.
Wɔ afe 1988 mu no, Ambolley firii Ghana kɔɔ New York. Ambolley akɔ Abibirem Atɔeɛ fam nyinaa, Europe, Canada ne United States. Ɔne wiase adwontofoɔ a agye din din wɔ dwontoɔ mu abɔ mu ato dwom, adwontofoɔ yi bi ne Miriam Makeba, Fela Anikulapo-Kuti, George Howard, Angela Bofill, Norman Connors, Manu DeBango, Lakeside, Chikuzan Takahashi, Ricardo Estrada a ɔfiri Cuba ne Mayuto Correa a ɔfiri Brazil. Ɔne Oscar Brashear ne Michael Session kyinnii wɔ Ghana.
Ne nnwom dada ne ne nnwom afoforɔ a wɔde bɔɔ mu no maa Ɔmanhene a ɔwɔ Esekado, Nana Kwabena Nketia bɔɔ n'abaso sɛ Simigwahene.
Nnwom Ahodoɔ
[sesa]Ne nnwom no bi na ɛdidi soɔ yi::
- Abrantsie
- Adwoa Ammisah
- Simigwa-Do
- Teacher
- Bend Down Low
- Blay Ambolley "Afrika Yie"
- Ignorance
- Black Woman
- Amponsah
- Edey Walk
- Akokɔ Ba
- Si Abotar
- I No Dey Talk I Do Dey Lie
- Yɛkor Yɛ A Yɛaba
- Ketan
- Sankumagye-Love Life
- Adwuma
- A Love Supreme
- Walk 4 Ground
- Su Nkwa
- Ma Play
- Simigwa Soca
- Let's Be Happy (Disco Mix)
- I Get Myself To Blame
- I Don't Know Why
- Wake Up Afrika
- Kwaakwa
- Who Made Your Body Like Dat
- Brokos
- The Message
- Cut Your Coat
- Toffie (Remastered)
- All Blues
- Little Small Girl
- It's Alright
- Ɔdɔ Yɛ Wu
- Enyidado
- U Like Or U No Like
- Footprints
- Fa Na Dem Ara
- Woman Treatment
- Asamansudo Groove
- Burkina Faso
- Round Midnite
- Ochoko Bila
- Control
- 'Cause I Love You
- Mercy Kae Dabi
- O Maame O Papa
- Afrika Yie (Remix)
- Who Go Pay
- New Simi Rapp
- I Love You Girl
- African Woman
- Ehuruwa
N'abɔm
[sesa]Ambolley abɔm a ɔyɛɛ no bi nie:
- Simigwa (1975)
- Ambolley (1982, 1999)
- Apple (1986)
- Party Time / Bend Down Low (1988–1989)
- Son of Ghana (1996)
- The Sekondi Man (1997)
- Afrikan Jaazz: A New Sound in Town (2001)
- Hi-Life Jazz in America (2009)
- Sekunde (2009, 2015)
- Ketan (2017)
- 11th Street, Sekondi (2019)
- Gyedu-Blay Ambolley and Hi-Life Jazz (2022)
- Wake Up Afrika (2025)
N'adwuma
[sesa]Na wɔnim Gyedu-Blay Ambolley wɔ Abibirem Atɔeɛ kɔsii sɛ soundway rekɔɔde ne dwom Simigwa-Do,[3] a Ambolley de baa afe 1973.[4] Ambolley dwom ama afoforɔ ato ne edi sɛ hiplife agya wɔ sɛdeɛ ɔde hip hop ne highlife kasakoa dii dwuma. Ambolley de ɔhaw biara too nkyɛn wɔ Playboy Jazz afahyɛ wɔ Los Angeles. Ne dwom "Simigua-do" na wɔgye tom sɛ ɛyɛ Ghana dwom a ɛdi kan a wɔde Amɛreka rap ne dwom ho wɔ wiase nyinaa wɔ afe 1973 mu. Ambolley, Sammy Lartey ne Ebo Taylor yɛ adwontofoɔ a wɔmaa high-life dwom so wɔ afe 60s ne afe 70s anim, wɔboae sesaa high-life dwom no.[5][6]
Abasobɔ
[sesa]Wɔ bosome Ayɛwohomɔmɔ 2015 mu no, Ambolley nyaa abasobɔ firii US City Council of Philadelphia.[7] Ɔbaapanin Onimuonyamfoɔ Jannie Blackwell a ɔda ekuo yi ano ne Onimuonyamgoɔ Stanley J. Staughter na ɔkenkaneɛ sɛ nkae sɛ wayɛ adwuma aboa apɛgya Ghana dwontoɔ a ɛwɔ US.
Abasobɔ ahodoɔ a ɔnyae
[sesa]- Most Consistent Artist — Ghana (1980)[8]
- Album and Song of the Year — Ghana (1990)[8]
- Trend Music Awards — Ivory Coast (1997)[8]
- Africa-American History Award — MWEPC, Los Angeles, CA (2001)[8]
- Afrikan Music Award — Los Angeles, CA (2002)[8]
- Malcolm X Music Festival Award — Los Angeles, CA (2002)[8]
- Lifetime Achievement Award — The Jazz at Drew from Charles R. Drew University of Medicine and Science, Los Angeles, CA (2003)[9]
- Congressional, Gubernatorial Certificate of Special Recognition — Congresswoman Juanita Millinder McDonald (2003)[10]
- Best World Beat Recombinant Artist 2003 & Best World Beat Recombinant Artist 2003 L.A. Weekly nominated Ambolley for Best World Beat Recombinant Artist in 2003[11] and 2004[12]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Saskia Bosch, Belinda van de Graaf, Sandra Kooke, Peter van der Lint, Stan Rijven, Seije Slager Rappen? Dat deed Ambolley al in 1973. Nhwɛsoɔ:In lang August 31, 2010
- ↑ "Red Bull Music Academy". Retrieved 5 July 2016.
- ↑ Nikansah, Rexford (18 July 2013). "Gyedu Blay-Ambolley on Simigwado and highlife history". The African Dream. Retrieved 15 June 2016.
- ↑ Various Artists - Ghana Soundz: Afro-Beat, Funk & Fusion in 70's Ghana. Soundway Records., Soundway Records, 27 January 2017, retrieved 16 March 2026
- ↑ "West Africa: Blay Ambolley". All About Jazz. 20 May 2004. Retrieved 5 July 2016.
- ↑ "Ambolley Releases Hi-Life Jazz". Modern Ghana. 18 February 2009. Retrieved 5 July 2016.
- ↑ Ofori, Oral (26 March 2021). "Ambolley Attends "Odunde" in Philadelphia USA". The African Dream. Retrieved 16 March 2026.
- 1 2 3 4 5 6 "Peace FM Online ::: Print News".Nhwɛsoɔ:Dead link
- ↑ Jodacame. "Gyedu Blay Ambolley | Grooveshark - Free Music Streaming". Grooveshark. Archived from the original on 10 February 2017. Retrieved 5 July 2016.
- ↑ "FEMUA 2014: Gyedu-Blay Ambolley - RADIO AFRIKA". Radio Afrika (in French). 2 April 2014. Retrieved 5 July 2016.
- ↑ Payne, John (22 May 2003). "L.A. Weekly Music Awards 2003". Retrieved 5 July 2016.
- ↑ Payne, John (27 May 2004). "LAWMA 2004". Retrieved 5 July 2016.