Jump to content

Gye Nyame (Adinkra)

Ɛfi Wikipedia
Gye nyame (Adinkra)
Ghanaian Embassy WashingtonDC 3220
Gye Nyame3
5000 cedis (1994)

Gye Nyame yɛ Akanfoɔ Adinkra nsɛnkyerɛnne no mu baako a agye din wɔ Ghana.[1] Wɔkyerɛ aseɛ kɔ borɔfo kasa mu wɔ ne traa mu sɛ 'Except God' anaa 'Except for God. [2][3][4]

Nkyerɛaseɛ

[sesa]

Wɔ Akanfoɔ gyedie mu no, wɔkyerɛ Gye Nyame mu sɛ ɛkyerɛ Nyame Tumfoɔ bi a ne tumi so sene tumi biara.[2][3] Nkyerɛaseɛ foforɔ a saa ahyɛnsodeɛ yi ka ho asɛm wɔ wɔn gyedie mu no yɛ Nyame Tumfoɔ a Ɔwɔ de firi adebɔ mfitiaseɛ na ɔbɛtoa so akɔsi daa. Nkyerɛaseɛ bio kyerɛ mu sɛ ɛyɛ ahobraseɛ a wɔduaa wɔ nnipa asetena mu.[5]

Gye Nyame Abɔseɛ ne Nkyerɛkyerɛmu Ahodoɔ Bi

[sesa]

Adinkra nsɛnkyerɛnne Gye Nyame no firi Akan kasa mu, ne titire ne Twi kasa mu. Kasasini Gye Nyame si Nyame tumi a ɛso no so dua wɔ asetena mu no nyinaa mu. Saa asɛmfua yi si Akanfoɔ gyidie a ɛne sɛ biribiara nsi a Onyankopɔn mpɛ so dua, na ɛda wɔn honhom mu nhyehyɛeɛ a emu dɔ adi. Nsɛnkyerɛnne yi gyina hɔ ma adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn ne Ɔbammɔfoɔ ne Ɔtumfoɔ kɛseɛ, na ɛhyɛ adwenepɔ a ɛkyerɛ sɛ biribiara nso nsene ɔsoro tumi no.[6]

Nkyerɛ mu bio ne sɛ, onipa biara nhunuu adebɔ ahyɛaseɛ na obiara nso nhunu n'awieeɛ gye Nyankopɔn. Nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ ahobraseɛ.[7]

Ne dwumadie

[sesa]

Wɔbu Gye Nyame sɛ Adinkra nsɛnkyerɛnne baako wɔtae de di dwuma pa ara wɔ Ghanafoɔ amammerɛ ne aban nnwuma ahodoɔ mu. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a wɔhunu no wɔ Ghana aban ananmusifoɔ adwumayɛbea a ɛwɔ Washington, DC, United States no fasuo ho.[8] Wɔsan nso hunu no sɛ ɛyɛ banbɔ ahyɛnsodeɛ a ɛwɔ Ghana cedi krataa 200 no so - Ghana sika a Ghana Sikakorabea baatan no twaeɛ sɛ Ghana sika wɔ afe 2019.[9][10][11] Wɔde di dwuma kɛseɛ nso wɔ ntoma, agudeɛ, nnoɔma a wɔde yɛ nsiesie ne adwinni ho nhyehyɛeɛ mu. Na ɛka Adinkra nsɛnkyerɛnne ahodoɔ a na ɛwɔ John Mahama atadeɛ a ɔhyɛɛ de suaeɛ sɛ Ghana ɔmampanini wɔ afe 2025 no mu baako.[12][13][14][15][16] Wɔde dii dwuma nso wɔ akonwa bi a wɔsenee a wɔde maa Ɔhemmaa Elizabeth II, United Kingdom Hemmaa.[17]

Wɔde kasasini "Gye Nyame" nso di dwuma pa ara wɔ Ghanaman mu. Wɔhunu kasasini yi wɔ sidi ahodoɔ 50, 200, 100, 500, ne 5000 a Ghana Sikakorabea Baatan no twaeɛ sɛ Ghana sika wɔ 1972 ne 1994 ntam.[18] Wɔsane nso de too gas adwuma bi a ɛwɔ Takoradi mpoano kilomita 60 wɔ Ghana Atɔeɛ mantam mu.[19]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Boatema Boateng (2011), The copyright thing doesn't work here: Adinkra and Kente cloth and intellectual property in Ghana, First peoples: new directions in indigenous studies, Minneapolis: University of Minnesota Press, ISBN 978-0-8166-7002-4 {{citation}}: |access-date= requires |url= (help)
  2. 1 2 "adinkra, n.", Oxford English Dictionary, Oxford University Press, 2024-10-10, retrieved 2025-05-22
  3. 1 2 Rachel Ansong, THE TEXT(TILES) OF ADINKRA SYMBOLS: WEST AFRICAN ART, GENDER, & POETIC TRANSLATIONS, retrieved 2025-05-22
  4. Ori Shwarzman (2019-07-27), 13 - GYE NYAME MOBILE CLINIC IN PSYCHIATRY IN GHANA: 11 YEARS OF EXPERIENCE IN THE RAIN FORESTS OF WEST AFRICA, retrieved 2025-05-22
  5. Erich Kessel (2022-09), "Notes on the African Burial Ground National Monument, New York City", Theatre Journal, vol. 74, no. 3, pp. E–47-E-57, doi:10.1353/tj.2022.0059, ISSN 1086-332X, retrieved 2025-05-22 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  6. 조지숙 (2016-09), "The Adinkra, Ghanaian Philosophy Symbols - The Expansion of the Speculation System in Adinkra Symbols", Cross-Cultural Studies, vol. 44, no. null, pp. 343–372, doi:10.21049/ccs.2016.44..343, ISSN 1598-0685, retrieved 2025-05-22 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  7. Passion & Adinkra (in French), retrieved 2025-05-23
  8. "Atukorala, Nandasara Wijetilaka, (18 Aug. 1915–4 Aug. 1969), Economic Affairs Officer, Ceylon Embassy, Washington, DC, USA", Who Was Who, Oxford University Press, 2007-12-01, retrieved 2025-05-22
  9. Ghanaian Times (2019-11-30), BoG introduces new banknotes ...GH¢100, 200, GH¢2 to be out next week (in English), retrieved 2025-05-24
  10. Ghana new 100- and 200-cedi notes (B160a and B161a) confirmed – BanknoteNews (in American English), 2019-12-22, retrieved 2025-05-24
  11. Ghana 200 Cedis Banknote, 2022, P-51b, UNC (in English), retrieved 2025-05-24
  12. Symbolisms of Mahama’s inauguration and urgent need for resetting our country - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2025-05-24
  13. Gertrude Owireduwaah Otchere (2025-01-08), Decoding Mahama’s bold white Agbada and Adinkra symbols on Inauguration Day - Adomonline.com (in American English), retrieved 2025-05-24
  14. Mahama’s inauguration outfit steals public gaze, captures Ghana’s spirit (in English), retrieved 2025-05-24
  15. John Mahama dresses in his past, present and 'future' story (in American English), 2025-01-08, retrieved 2025-05-24
  16. Ebenezer Kobinah Offen (2025-01-07), Adinkra Symbols and the Return of Leadership: The Cultural Statement of H.E. John Dramani Mahama's Swearing-In Attire (in American English), archived from the original on 2025-05-17, retrieved 2025-05-24
  17. Ghana - Stool (in English), retrieved 2025-05-24
  18. Bank Notes of Ghana – Bank of Ghana (in American English), retrieved 2025-05-24
  19. World Bank funds Sankofa Gye Nyame gas project in Ghana | Enerdata (in English), 2016-09-26, retrieved 2025-05-24