Gyamadudu Museum
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gyamadudu Museum yɛ amammerɛ adeɛ a wɔahyɛda ayɛ a ɛwɔ Asante mantam mu,ne titire Kumase,Ghana. Wɔasi saa dan yi de rekyerɛ Asante amammerɛ ne abakɔsɛm ne ɔman Ghana abakɔsɛm nso.[1]Sɛ wokɔ dan yi mu a, wobɛhunu nneɛma binom te sɛ tetesɛm a ɛfa amammerɛ afadeɛ ho, tete nneɛma a wɔde wɔn nsa anwene, mfoni ahodoɔ a ɛfa atetesɛm ho ne ɛnnɛ mmerɛ yi mfoniyɛ a ɛkyerɛ ɔman Ghana mfoni adwuma ne amammerɛ. Ɛyɛ dan wɔasi de rekyerɛ Asante abakɔsɛm,wɔn amammerɛ ne wɔn ahennie kɛseyɛ.[2]
Saa beaeɛ yi da nnipa titire binom adi, ɛbi te sɛ Asante nhemfo ne ahemaa, a Opemsuo Otumfuor Osei Tutu II ne Nana Yaa Asantewaa ne abibirem nnipa atitire a wɔadi aman ahodoɔ so bi te sɛ Kwame Nkrumah,Nelson Mandela ne Haile Salassie adi. Ɛsan kyerɛ wɔn a wɔko peree fawohodie maa yɛn ne Adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ, Kentenwene ne deɛ ɛkeka ho nyinaa.[3]
Ne Dwumadie
[sesa]Adeɛ titire baako paa a wɔde sii saa beaeɛ ne sɛ, mpaninfoɔ,mmɔfra,nkyirimma,ahɔhoɔ a wɔfiri aman ahodoɔ so bɛkɔ hɔ akɔhunu atetesɛm na wɔasua adeɛ anya nhunumu wɔ nneɛma binom a ɛsii tete berɛ no mu hɔ. Saa beaeɛ yi yɛ adwuma firi dwoada de kɔsi fiada, anɔpa nnɔnkron kɔsi anwummerɛ nnɔnnan.[4]
Ne Farebaeɛ
[sesa]Saa museum yi yɛ Nana Apau Wiafe Ababio Sanwoansan a ɔyɛ Hemanhene anisoadehunu sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte sei wɔ Kumase. Na mpaninfoɔ nso gye too mu a wɔhyɛɛ aseɛ afe 2020 na wɔwiee afe 2023 mu. Faako a saa beaeɛ yi wɔ no gye asase bɛyɛ eka du(10acres) a ɛwɔ adan ahodoɔ nkron a wɔde kyerɛ amammerɛ ne nneɛma a ahodoɔ a wɔawene. Afei beaeɛ yi wɔ dan kɛseɛ a wɔde yɛ kuro nhyiamudie.Na nsutene bi nso da hɔ a wɔfrɛ no Anyinasu.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ EfyaKimora (2023-04-14), GYAMADUDU MUSEUM: The Rich Cultural Museum You Didn't Know Existed in The Ashanti Region, retrieved 2025-07-11
- ↑ SEBASTIAN R. FREIKU (2023-03-20), Gyamadudu Museum at Kwabre Hemang takes shape (in British English), retrieved 2025-07-11
- ↑ Kwaku Okyere Darko (2025-05-16), #watch - This Is The GYAMADUDU MUSEUM in the Ashanti Region. (HEMAN), retrieved 2025-07-11
- ↑ Fees and Charges – Ghana Museums and Monuments Board (in American English), retrieved 2025-07-11