Jump to content

Gyaasehene

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Gyaasehene yɛ Akanfoɔ ahemfo no mu baako. Ɔno ne Gyaase Fakuo no kannifoɔ anaa baanodani. [1]

Gyaase Fakuo

[sesa]

Akan amamerɛ mu no, ahemfo nkyekyɛmu no fa a yɛfrɛ no baako wɔ hɔ a wɔfrɔ wɔn Gyaase. Wɔn kannifoɔ na wɔfrɛ no Gyaasehene. Ɔhene biara wɔ ne gyaasehene, na ɔno na ɔyɛ ɔhene futufoɔ panin.[2][3]

Gyaasehene Dwumadie

[sesa]

Akan amamammerɛ mu no, Gyaasehene di dwuma ahodoɔ pii. Ɔno na ɔda Gyaase fakuo no ano sɛdeɛ madi kan aka no. Ɔsakɔ mu no, wɔwɔ ɔhene nkyɛn pɛɛ. Ɛba no amammuo mu nso a, Gyaasehene ne obi a ɔtoto fie. Ahemfie nneɛma ho ntotoeɛ biara hyɛ ne nsa. Ɔno na ɔhwɛ nneɛma bi te sɛ ɔhene afadeɛ, so. Sɛ wɔbɛkɔ nkonnwadan mu a, Gyaasehene di mu akotene. Ɔyɛ ɔhene fotufoɔ na ɔbɛn no snebe ahemfo nkaeɛ no nyinaa[4]

Baabi a Mmoa Firi

[sesa]
  1. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  2. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  3. Google Scholar, retrieved 2025-08-18
  4. Google Scholar, retrieved 2025-08-18