Gonjafoɔ
Appearance
Gonjafoɔ yɛ nnipakuo bi a wɔfiri Damango a ɛwɔ Savannah Region[1].Damongo wɔ nsrahwɛbea bi te sɛ Mole National Park a ahɔhoɔ a wɔkɔ hɔ no hunu mmoa bi te sɛ Nnoe ne Gyata, Larabanga mosque ne deɛ ɛkeka ho a ɛmu biara wɔ ne tete nsɛm soronko. Na Gonja ne kasa wɔka anaa kasa wɔde di nkitaho.[2] Gonja yɛ Guan kasa a ɛka Tano kasa a ɛyɛ Kwa kasa nkorabata no mu baako. Yɛka kasa yi wɔ Atifi mantam mu.
Nnipa bɛyɛ mpem ahaasa ne du (310,000) na wɔka Gonja kasa no.[3] Yɛdɛ di dwuma wɔ nwomasua mu firi gyinapɛn baako kɔpem mmiɛnsa wɔ mmɔfra adesua mu. Ghana atitirefoɔ a yɛwoo wɔn wɔ hɔ anaasɛ wɔfiri Gonjaman mu no mu baako ne Ɔmanpanin John Dramani Mahama.[4]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ J.B. Dunbar (1992-05-01), Cancer and birth defects surveillance system for communities around the Savannah River Site. Savannah River Region Health Information System (SRRHIS): Annual progress report, retrieved 2025-08-21
- ↑ Damongo (in English), retrieved 2025-08-21
- ↑ Damongo - Population Trends and Demographics - CityFacts (in English), retrieved 2025-08-21
- ↑ John Mahama | Achievements, Date of Birth, Biography, & Age | Britannica (in English), 2025-08-13, retrieved 2025-08-21