Jump to content

Ghana Amammerɛ

Ɛfi Wikipedia
Ghana Frankaa

Ghana yɛ ɔman a akuokuo ahodoɔ ne nnipa ɔpepem aduasa mmiensa, mpem ahanan ne aduɔwɔtwe (33,480,000) te mu. Akuokuo ahodoɔ yi bi ne:[1][2]

Borɔfo ye ɔman no kasa a wode di nkitaho. Kasahodoɔ bi te sɛ Asantefoɔ Twi, Fante kasa, Frafra, Dangme, Ga, Dagbani, Mampruli, Gonja, ne Ewe nso yɛ kasa a aban no apene so sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wo sukuu ahodoɔ mu, mantam a kasa no di mu anaasɛ ɛdɔɔso wɔ mu no.

Nnipakuo Ahodoɔ

[sesa]

Akanfoɔ

Ɔhene bi adwabɔ wɔ Asanteman mu

Akanfoɔ titire no wɔ Ghana, Togo, ne Ivory Coast afa bi. Akanfoɔ ka mmusuakuo kakraa bi a wɔwɔ Abibirem atɔeɛ fam a wɔdi ɛna adeɛ no ho.[3] Akan ɛna adedie nhyehyɛeɛ no da so di ntintiman wɔ sikasɛm ne amanyɔsɛm mu. Na abusua biara di asase a emufoɔ yɛ so kua no so, na wɔbɔ bra sɛ ɔsom kuo bi a wɔde obuo ma wɔn nananom, na wɔhwɛ awareɛ so, na wɔsiesie abusuafoɔ ntam ntawantawa.

Ghana mmaa bi a wɔresa de atwe adwene asi ahonidie ne apɔmuden so

Kane Akan ahemfo a na wɔdi mu wɔ animuonyam ne ahodeɛ mu no kɔɔ so kuraa wɔn anidie mu, nkoasom ne atubra mmrɛ no akyi. Afahyɛ a wɔhyɛ ma Akan ahemfo no da so ara wɔ Sika Dwa Kofi atetesɛm ne n'amammerɛ mu. Akanfoɔ da nso, efiri sɛ wɔwɔ nimdiɛ wɔ nsaanodwuma ahodoɔ pii mu, ne titire ne anwenneɛ, nnua adwini, dɔtedwuma ne nkukuonwene, , ɔtomfoɔ nwuma bi te sɛ sikadwono ne dedeɛdwono, ne kentenwono. Wɔpam kente ntoma wɔ abɔnten, na mmarima nkutoo na wɔpam, ɛwɔ nsusuyɛ kwan a ɛyɛ den na ɛyɛ fɛ so. Wɔde nhoma a ɛhyerɛn nwono ntoma no nteanteaa mu. Akanfo nsaanodwuma bebree yɛ mmarima nkutoo nwuma. Nkukunwono nkutoo ne nsaanodwuma a ɛyɛ mmaa dwumadie titirie; mmarima taa yɛ nkukuo afɛɛfɛ anaa paipu a nnipa anaa mmoa mfonini ɛwɔ ho.

Akan akuokuo ahodoɔ no ka Akan kasa mu kasahodoɔ. Mmɛbuo dɔɔso wɔ kasa yi mu, na wɔbu mmɛ sɛ ɛyɛ nyansa nsɛnkyerɛnneɛ. Kasakoa nso abu so wɔ Akan kasa mu, ne titire ne kasa a ɛfa owuo ho. [ ]

Akanfoɔ a wɔwɔ mpoano no ne nnipakuo a wɔdii kan ne Europafoɔ nyaa nkitahodie wɔ " Scramble for Africa " mmerɛ no mu. Esiane wɔn afekubɔ a ɛkyɛeɛ no nti, saa akuo yi gyee Inglesifoɔ no amammerɛ ne wɔn kasa afa bi tuumu. Saa nsɛm yi nti, ɛbɛyɛɛ amanneɛ wɔ saa nkurɔfo yi mu sɛ wɔbɛfa Inglesifoɔno abusua din. Saa Akanfoɔ no te Mfinimfini Mantam ne Atɔeɛ Mantam a ɛwɔ Akanman mu titire. [ ]

Ga-Adangbe

[sesa]
Homowo afahyɛ

Ga-Adangbefoɔ anaa Gafoɔ, (din a wɔde maa Ga-Adangbe nananom kasa a wɔtaa ka no), na wɔte Greater Accra Mantam no mu. Ga-Adangdefoɔ wɔ kasa ahodoɔ, nanso kakra a wɔtaa ka ne Ga, Krobo, Shɛ, Osudoku, Shai, Gbugblaa, ne Ada, Ningo. Adangbefoɔ te apuei fam asaseta no so, ɛna Ga akuokuo no te Accra mpoano mmeae wɔ Accra atɔe fam. Ga kasa ne Adangbe kasaa no nyinaa firi kasa biako mu, na nneyi Ga ne Adangbe kasa da so ara yɛ pɛ.[4][5]

Ɛwɔ mu sɛ adanseɛ a wɔatutu fam ahu wɔ hɔ, sɛ wɔn a na wɔka Ga-Adangbe kasa mfitiaseɛ no de wɔn ho too atokoɔ ne bayerɛ kuayɛ so, ɛnɛ yi Ga-Adangbefo te mmeaeɛ a kane no, na ɛyɛ mpataayifoɔ nkuro, na Ga-Adangbefoɔ bɛboro ɔha nkyemmu 75 te nkuro akɛseɛ mu. Ɛwɔ mu sɛ adanseɛ a wɔatutu fam ahu wɔ hɔ, sɛ wɔn a na wɔka Ga-Adangbe kasa mfitiaseɛ no de wɔn ho too atokoɔ ne bayerɛ kuayɛ so, ɛnɛ yi Ga-Adangbefo te mmeaeɛ a kane no, na ɛyɛ mpataayifoɔ nkuro, na Ga-Adangbefo bɛboro ɔha nkyemmu aduɔson nnum (75) te nkuro akɛseɛ mu.

Dagomba

[sesa]
Dagombafoɔ bi ne wɔn afadeɛ

Dagombafoɔ no ka Dagbani kasa, ɛna wɔte Dagbon ahemman mu. Dagbon ahemman no ne ahemman a edi kan wɔ Ghana. Mfeɛ ɔha pii ni, beaeɛ a Dagombafoɔ te no ayɛ beaeɛ a nnipa a wɔde wɔn ho hyɛ akodie, ahyeɛ ntrɛmu, ne atifi-anafoɔ ne apueiɛ-atɔeɛ adwadie mu no beaeɛ a wɔdi so akɔneaba. Arabik, Hausa, ne Diuala kasa mu nsɛmfua pii wɔ Dagbani kasa mu, esiane nkitahodie nsunsuansoɔ a sahara aman ntam adwadie, ne Afrika Atɔeɛ fam dwadie, ne abakɔsɛm mu nsunsuansoɔ a Nkramofoɔ som no anya wɔ mpɔtam hɔ so nti.[6]

Ewe

[sesa]
Ewefoɔ a wɔresa bɔbɔɔbɔ asa no

Ewefoɔ no te Ghana anafoɔ fam apueɛ ne Togo ne Benin a ɛbɛn hɔ no afa ahodoɔ . Ewefoɔ no di agyanom adedie nhyehyɛeɛ akyi, a ɛkyerɛ sɛ nea ɔkyekyeree mpɔtamo bi no bɛyɛ ɔhene, na mperɛ pii no, n’agya abusuafo na wodi n’adeɛ. Ewefoɔ som no fa ɔboadeɛ anaa onyame a wɔfrɛ no Mawu, ne anyame afoforɔ bɛboro 600 a wɔatwa ne ho ahyia. Ewefoɔ no ani gye abosomsom ne gyidie nsɛm ho kɛse paa ara wɔ atetesɛm mu. Nkuraaseɛ afahyɛ ne dwasodeyɛ pii kɔ so de hyɛ onyame biako anaa nea ɛboro saa animuonyam.

Ewefoɔ a wɔwɔ mpoano no nyinasoɔ kɛseɛ paa ne mpataayie adwadie, ɛna wɔn a wɔwɔ asase mu taa yɛ akuafoɔ ne mmoahwɛfoɔ. Nsonsonoeɛ a ɛwɔ sikasɛm mu dwumadie ahodoɔ a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ama wɔanya nsaanodwuma titire bi. Ewefoɔ nso nwene kente ntoma, na wɔtaa nwene nsususoɔ ne mfonini sɛnkyerɛnneɛ a wɔn nananom de agya wɔn mfeɛ pii mu no gu ntoma no mu.[7]

Mmaa dwumadie ne wɔn gyinabea

[sesa]

Tete mmerɛ mu no, na wobu mmaa sɛ wɔn dwumadie nyinaa ne mmɔfra awoɔ, mpataa dwadie, ne kuadwuma. Wɔn ammanneɛ mu no, na wɔbu mmaa awoɔ tumi sɛ ɔkwan a wɔfa so sane wo abusua mu nananom a wɔawu. Ansa na nkoasom mmerɛ no reba no, na wɔhyɛ awadeɛ dodoɔ ho nkuran, ne titire ne mmarima a wɔwɔ sika. Wɔ agyanom adedie aman mu no, na wɔbu etiri adeɛ sɛ ɛyɛ awofoɔ a wɔatete wɔn mma mmaa yie no ayɛyɛdeɛ. Wɔ mfeɛ kakraa a atwam no mu no, mmaa bɔbeasu dwumadie ahodoɔ ahunu nkɔsoɔ kɛseɛ paa. Mprempren yi, Ghana mmaa a wɔyɛ adwumayɛfoɔ yɛ ɔha mu abupɛn aduanan mmiensa (43%) wɔ Ghana adwumayɛfoɔ nyinaa mu.[8] Mmaa aforo akɔ akannifoɔ a wɔkorɔn wɔ amammuo nsɛm, adwuma, adwadie, ne nnwuma afoforo nyinaa mu. Amammuo mu nnipa binom a wɔda nso ne Joyce Bamford-Addo (Mmarahyɛ Badwa no Nhyiamu a ɛtɔ so 5 no kasamafoɔ),[9] Georgina Theodora Wood (Atemmufoɔ Panyini) [10] ne amammuo mu dibea ahodoɔ pii a wɔadi kan ne mprempren. [ ]

Afahyɛ

[sesa]
Akwasidae afahyɛ wɔ Manhyia Ahemfie

Akwasidae Afahyɛ (anaasɛ Akwasiadae) no yɛ afahyɛ a Ashantifoɔ ne wɔn ahemfo a wɔwɔ asanteman mu, ne Ashantifoɔ a wɔatu akɔtena amannɔne no hyɛ. Wɔdi afahyɛ no Kwasiada, pɛnkorɔ wɔ nnaapɛn nsia biara mu. Wɔhyɛ Panafest afahyɛ no de hwehwɛ wɔn nananom nkyi, na Afrikafoɔ-Amerikafoɔ a wɔn nkyi efiri mantam no mu no taa kɔsra mantam no ne amammerɛ ne amaneɛ a wɔn nananom agya ama wɔn no.. Wɔhyɛ Asante Bayerɛ Afahyɛno nnanum, a efiti aseɛ wɔ Yawoada, sɛnea ɔman kɔmfoɔ kyerɛ no. Wɔhyɛ fa yi berɛ a wɔtu bayerɛ a edi kan wɔ osutɔbere akyi no mu. Saa afahyɛ yi nya nsunsuansoɔ wɔ nyamesom ne sikasɛm nyinaa mu. Wɔ nyamesom mu no, wɔde afahyɛ no da anyame ne wɔn nananom ase sɛ wɔama wɔn nnɔbaeɛ foforɔ, na wɔde saa afahyɛ yi da bayerɛ foforɔ no adi.[11]

Damba afahyɛ no, Dagbonfoɔ ne mmusuakuo afoforɔ a wɔwɔ Ghana na wɔdi. Wɔ saa afahyɛ yi mu no, wɔhyɛ fugu ahodoɔ (Ghanaian Smock) ne amammerɛ ntadeɛ afoforo a ɛhyerɛn na ɛyɛ hye de kyerɛ.

Afei nso, wɔdi Ogya afahyɛ no wɔ bosome a edi kan wɔ Dagomba kalenda no mu. Saa afahyɛ yi kɔ so anadwo, na wɔde ogya to santene a wɔrehyɛne ntwene, reto ɔsadwom, na wɔredi asa.

Sɛ wotu bayerɛ a edi kan no a, Dagbonfoɔ hyɛ dwasodeɛ bi de yɛ agyinaeɛ ma berɛ a wobuee bayerɛtu mmerɛ no.

Nnwom

[sesa]

Nnwom mu nkyekyɛmu ahodoɔ mmiensa na ɛwɔ ho: mmusuakuo nnwom anaa amammerɛ nnwom,[12] a wɔtaa bɔ wɔ afahyɛ berɛ ne ayie ase; Adadamu anaasɛ " highlife " nnwom, a ɛyɛ atetesɛm ne amannɔne nnwom a afrafra; ne nnwontofoɔ kuo nnwom, a wɔbɔ wɔ kɔnsɛte ase, asɔredan ahodoɔ mu, sukuu ahodoɔ mu, ne kɔlege ahodoɔ mu. °

Asa

[sesa]

Abusuakuo biara wɔ n'amammerɛ asa, a asa no wɔ mmerɛ pɔtee bi a wɔsa no. Saa asa ahodoɔ yi binom wɔ hɔ ma ayieyɛ, afahyɛ, abakɔsɛm ne anansesɛm, ayɛyie, ne ɔsom. Asa ahodoɔ bi wɔ hɔ a, wɔsa no mantam dunsia a ɛwɔ ɔman Ghana no mu nyinaa mu, mpɛn pii no wɔ afahyɛ ase, ne mmerɛ bi te sɛ ayie, awaregyeɛ, ne nea ɛkeka ho. Wɔsa saa asa yi de gye nkurɔfoɔ ani, na wɔdekyerɛkyerɛ nso. ( te sɛ. ‘Gome’ asa, sɛnea Gafoɔ a wɔwɔ Greater Accra mantam mu wɔ ɔman Ghana no yɛ wɔ Homowo afahyɛ bere, ɔsanaa bosome no mu). Asa afoforo a ɛwɔ Ghana no bi ne Kpanlogo a Gafoɔ sa, Agbadza a Ewefoɔ sa, Adowa a Akanfoɔ sa, Bamaaya asa a Atifidofoɔ sa, Patsa ne Dbahsh a Ga-Adangbefoɔ sa, ne afoforo pii. Asa pii firi Ghana ne emu mmusuakuo ahodoɔ mu na atrɛ akɔ amanaman so.

Amanneɛ

[sesa]

Ayieyɔ ne nsaguo kɔ so wɔ ɔman yi mu.[13] Afrika berɛ na wɔde di dwuma.[14][15] Wɔnka nna ho asɛm wɔ Ghana.[16] Wɔbu wɔn a wɔde wɔn nsa benkum yɔ adeɛ no animtia.[17]

Gyidie hunu

[sesa]

Gyidie wɔ abibirem nkonyaayie mu yɛ den.[18][19] Ghana asɔre ahodoɔ hyɛ nkuran pefee sɛ tumi ahodoɔ a ɛboro nnipa so de nyarewa ne nsɛmmɔne ba nnipa so.[20][21] Gyidihunu yi mu yɛ den ara ma wɔpamo mmaa a wɔbɔ wɔn soboɔ sɛ wɔyɛ abayifoɔ no kɔ Abayifoɔ nsraba ahodoɔmu.[22][23][24][25]

Ɔsom

[sesa]

Ghana yɛ ɔman a nyamesom wɔ hɔ kɛse, a asɛmpakafoɔ ne adiyifoɔ a wɔagye din dɔɔso wɔ hɔ .[26][27][28][29][30][31][32][33][34][35][36][37] [ ]

Apomuden Nsɛm

[sesa]

Wɔka atetesɛm mu amanneɛ ne nnɛmmafoɔ aduruyɛ akwan bo mu de yɛ ayaresa ne akwahosan amammerɛ wɔ Ghana . Nyarewa bi wɔ hɔ a, Ghanafo pii dane wɔn ho kɔ aduruyɛ so, na wɔtaa hwehwɛ mmoa firi nnuruyɛfoɔ a wɔyɛ nhabannuro ne honhom fam ayaresafoɔ hɔ.[38] Oyi te saa ɛnkanka ne nkuraaseɛ, baabi a ebia nnipa kakraa bi na wɔbetumi akɔ ayaresabea ahodoɔ a aban mpanyimfoɔ de ama no, anaasɛ beaeɛ a ayaresabea nnnɔɔso wɔ hɔ no. Nanso berɛ a wɔregye mfasoɔ a ɛwɔ nnɛmmafoɔ nnuruyɛ so ato mu kɛse no, nnipa pii de ɔman no akwahosan ho nhyehyɛeɛ redi dwuma, ne titire ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma nsaayadeɛ bi te sɛ babaso werɛmfoɔ ne atiridii ho. Ɛwɔ mu sɛ Ghana aban abɔ mmɔden wɔ apɔmuden ho nhyehyɛeɛ mu deɛ, nanso nsɛm bi te sɛ sikasɛm a ɛho yɛ na, ayaresafoɔ a wɔn ho yɛ na, ne nsonsonoeɛ a ɛwɔ ayarehwɛ pa mu wɔ mpɔtam ahodoɔ mu da so ara wɔ hɔ.

Adwene mu Apɔmuden

[sesa]

Ghana hyia akwansideɛ pii wɔ adwene mu yadeɛ nsɛm ho, emu baako ne animtiabuo a ɛbata adwenemyareɛ ho, a ɛmma nnipa pii mmpɛ ayaresa akyiri akwan. Ayaresabea kakraa bi na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔhia adwenemyareɛ ho ayarehwɛ, na saa ayaresabea yi dodoɔ no ara wɔ nkuro akɛseɛ mu. Ne nyinaa mu no, esiane mpɔtamo ne wiase nyinaa dawurobɔ nsɛm a ɛkɔ so nti, wɔreyɛ nkakrankakra sɛ wobɛgye adwenemyareɛ ato mu sɛ ɛyɛ nipadua no nyinaa ahotɔ fapem titire. Sɛ wɔbetumi asɔ adwenemyare ho nsɛm ano a, nwomasua ho dawurobɔ ne mpɔtamo hɔfoɔ a wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu no ho hia, efiri sɛ ɛbɛyi atesɛm huhuo afiri hɔ, na wɔn a wɔyii wɔn totwene no, wɔbeka wɔn abata wɔn ho bio. Botaeɛ a ɛwɔ mmɔdenbɔ ahodoɔ a wɔabɔ nnansa yi mu ne sɛ, wɔde adwenemyareɛ ho nnwuma bɛka apɔmuden nhyehyɛe titire no ho, na wɔasi hia a ɛho hia sɛ wɔfa apɔmuden akwan a emu dɔ so hwehwɛ nipadua ne adwene mu apɔmuden so dua.[39]

Nnuane

[sesa]

Ɔman no wɔ amammerɛ mu nnuane ahodoɔ a efiri mmusuakuo biara mu. Mpɛn pii no, nnuane dodoɔ no ara yɛ nea ataredeɛ (setaakye) wɔ mu, ne abɔmu anaa nkwan, a mpataa, nnwa, nam mono, anaa mmire ka ho.[40]

Agodie

[sesa]

"Association football" ne agodie a agye din sene agodie biara wɔ ɔman no mu. Wɔfrɛ ɔman no mmarima bɔɔlobɔ kuo no sɛ Black Stars, na wɔfrɛ ɔman no bɔɔlobɔ kuo a wɔnnii mfeɛ aduonu (20) no sɛ Black Satellites . Wɔfrɛ ɔman no mmarima bɔɔlobɔ kuo a wɔnnii mfeɛ dunson (17) no Black Starlet , berɛ a wɔfrɛ ɔman no mmarima Olimpik kuo no sɛ Black Meteors. Wɔde wɔn ho ahyɛ akansie ahodoɔ pii mu a Africa Cup of Nations, FIFA World Cup, ne FIFA U-20 World Cup a mmarima a wɔnnii mfeɛ aduonu bɔ no ka ho .

Wɔ Ahinime 16, 2009 no, Ghana bɛyɛɛ Afrika man a ɛdi kan a ɛdii nkonim wɔ FIFA U-20 World Cup mu ɛnam Brazil so nkonim 4-3 a wɔdiiɛ wɔ atoprɛko berɛ mu.[41] Wɔ Ayɛwohommumɔ 13, 2010 no, Ghana dii Serbia so nkonim 1-0 wɔ agodie a edi kan mu wɔ afe 2010 FIFA World Cup mu . Ghana bɛyɛɛ Afrika kuo a edi kan a wodii nkonim wɔ FIFA Wiase Kupɔn agodie a wɔyɛeɛ wɔ Afrika asase so. Na ɛno akyi no, wɔbɛyɛɛ Afrika kuo baako pɛ a ɛkɔɔ so firii kuo no mu kɔɔ knock out phase no mu wɔ afe 2010 akansie no mu. Wɔ Ayɛwohommumɔ 26, 2010 no, Ghana dii US so nkunim 2: 1 so nkonim 1 wɔ mmerɛ a na aka aman dunsia pɛ wɔ akansie no mu, na ɛbɛyɛɛ Afrika man a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛduruu Wiase Kupɔn no mu quarter-final wɔ Cameroon akyi wɔ afe 1990 ne Senegal wɔ afe 2002 mu. Wɔdii nkuguo Uruguay nsa so wɔ Johannesburg wɔ Kitawonsa 2, 2010, enam atoprɛko a wɔtoeɛ no so maa Ghana mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ wɔbɛkɔ akansi no fa a etɔ so no baa awieɛ.[42]

Ɛwɔ mu sɛ mmarima bɔɔlbɔ ne agudie a wodi akyire kɛse wɔ Ghana diɛ, nanso ɔman no mmaa bɔɔlbɔ kuo no renya nkɔsoɔ, na wɔde wɔn ho ahyɛ FIFA Women's World Cup (anaasɛ FIFA Mmaa Wiase Bɔɔlobɔ Kuruwa) ne CAF Mmaa Agodie mu . Ɔman Ghana mmaa bɔɔlobɔ kuo no din de Black Queens, ɛna wɔfrɛ ɔman Ghana mmaa bɔɔlbɔ kuo a wonnii mfeɛ aduonu (20) no Black Princesses.

Yɛwɔ bɔɔlbɔ akuo pii wɔ Ghana, a wɔbɔ bɔɔlo wɔ Ghana Premier League ne Division One League, a Ghana Bɔɔlbɔ Fekuo na ɛhwɛ ne mmienu nyinaa soɔ no mu. Weinom ne bɔɔlbɔkuo a wɔagye din no; Accra Hearts of Oak SC ne Asante Kotoko, a wɔbɔ wɔ premier league level na wɔyɛ akansifo titire wɔ akansie no mu.

Bɔɔlbɔfoɔ a wɔagye din a wɔgye wɔn to mu wɔ amanaman ntam no bi ne Tony Yeboah, Michael Essien, Kevin-Prince Boateng, Emmanuel Agyemang-Badu, Abedi Pele, Asamoah Gyan, Antony Annan, Quincy Owusu-Abeyie, John Paintsil, Samuel Osei Kuffour, Richard Kingson, Sulley Muntari, Laryea Kingston, Stephen Appiah, André Ayew, John Mensah ne Dominic Adiyiah.

Ghana nso na wɔwoo Wiase Akuturukubɔfoɔ Kofi Kingston (a n'awoɔ din de Kofi Sarkodie-Mensah), a ɔrebɔ akuturuku wɔ Smackdown ahyɛnsodeɛ so no. Afei, Kwame Nkrumah-Acheampong nso sii akan wɔ Vancouver Awɔ Bere mu Olimpik akansie no mu bi. Afei nso, Ghana ama wiase akuturukubɔfoɔ akɛsefoɔ bi te sɛ Azuma Nelson a wɔadi wiase nyinaa so nkunim mprɛnsa wɔ akuturukubɔ mu, Nana Yaw Konadu a ɔno nso adi wiase nyinaa so nkunim mprɛnsa, Ike Quartey, ne akuturukubɔfoɔ bi te sɛ Joshua Clottey ne IBF bantamweight nkunimdifoɔ Joseph Agbeko .

Hwɛ wei nso

[sesa]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Kwame Arhin: "The Political Systems of Ghana. Background to transformations in traditional authority in the colonial and post-colonial periods." Historical Society of Ghana, 2002. ISBN 9988-8276-0-1
  2. Ghana: a country to study, Library of Congress Cataloging-in-Publication Data, 1995
  3. "The Story of Africa- BBC World Service". www.bbc.co.uk. Retrieved 6 March 2019.
  4. Ameka, Felix K.; Kropp Dakubu, Mary Esther (2008), Aspect and Modality in Kwa Languages, John Benjamins Publishing, pp. 4-, ISBN 978-90-272-0567-4{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. "Atlas of the Human Journey", The Genographic Project, archived from the original on 7 February 2010
  6. "Dagomba | people". Encyclopedia Britannica. Retrieved 2020-05-24.
  7. Refugees, United Nations High Commissioner for. "Refworld | Ghana: Ewe ethnic group; traditional location; languages spoken; traditions and rituals; the process for selecting leaders; whether leadership titles are hereditary; consequences for refusal of a leadership title and availability of state protection for those who refuse such a title". Refworld. Retrieved 2021-05-17.
  8. Awumbila, Mariama (2006). "Gender equality and poverty in Ghana: implications for poverty reduction strategies". GeoJournal. 67 (2): 149–161. Bibcode:2006GeoJo..67..149A. doi:10.1007/s10708-007-9042-7. JSTOR 41148110. S2CID 154300298.
  9. "Ghana Elects First Woman Speaker of Parliament – Feminist Majority Foundation" . 9 January 2009. Retrieved 2021-05-18.
  10. AfricaNews (2017-06-10). "Ghana's first female chief justice retires: 10 facts about Georgina Wood". Africanews. Retrieved 2021-05-18.
  11. Kaminski, Joseph S. (2016). "The Yam Festival Celebrated by the Asante People in Kumase in 1817". Music in Art. 41 (1–2): 95–109. ISSN 1522-7464. JSTOR 90012990.
  12. Music of Ghana
  13. Paula Newton. "The long goodbye: Why funerals are big deals in Ghana". CNN. Retrieved 10 July 2017.
  14. "Letter from Africa: The country where everyone is expected to be late". BBC News. 4 March 2019. Retrieved 6 March 2019.
  15. Schinke, Robert; Hanrahan, Stephanie J. (10 July 2017). Cultural Sport Psychology. Human Kinetics. ISBN 9780736071338. Retrieved 10 July 2017 – via Google Books.
  16. "Data". epublications.marquette.edu.
  17. "My left hand: is it not part of my body? - Government of Ghana". www.ghana.gov.gh. Archived from the original on 2018-03-30. Retrieved 31 January 2019.
  18. "Files" https://www.actionaid.org.uk/sites/default/files/doc_lib/ghana_report_single_pages.pdf (PDF). www.actionaid.org.uk
  19. Richter, Roxane; Flowers, Thomas; Bongmba, Elias (27 February 2017). Witchcraft as a Social Diagnosis: Traditional Ghanaian Beliefs and Global Health. Lexington Books. ISBN 9781498523196. Retrieved 10 July 2017 – via Google Books.
  20. OPOKU ONYINAH. "AKAN WITCHCRAFT AND THE CONCEPT OF EXORCISM IN THE CHURCH OF PENTECOST" (PDF). Etheses.bham.ac.uk. Retrieved 2017-08-28.
  21. Abdul-Yekin, Kofi Ali (23 March 2017). The Darker Side of Ghana: A Typical Case of the African Cultural Challenge. AuthorHouse. ISBN 9781524636234. Retrieved 4 September 2017 – via Google Books.
  22. Adinkrah, Mensah (1 August 2015). Witchcraft, Witches, and Violence in Ghana. Berghahn Books. ISBN 9781782385615 – via Google Books
  23. Frimpong, Enoch Darfah (21 May 2013). "A world of superstition, frustration and disillusionment". Retrieved 30 July 2018.
  24. "In Africa, accusations of witchcraft still a reality for many women". The Globe and Mail. 25 November 2013. Retrieved 2 August 2018.
  25. "Archived copy". Archived from the original on 2019-03-06. Retrieved 2019-03-06.
  26. "Ghana church stormed over death prophecy". BBC News. 3 January 2019. Retrieved 6 March 2019.
  27. "Letter from Africa: Why do we rely on 'miracle cures'?". BBC News. 10 October 2014. Retrieved 6 March 2019.
  28. "False Prophets In Ghana Exposed! Omg! Check it out You May Find Your Spiritual Father on the List". Modern Ghana. 2016-01-10. Retrieved 6 March 2019.
  29. "Ghana: The Fake Prophets Are Turning Ghana into Laughing-Stock! - allAfrica.com". Archived from the original on 2018-06-24. Retrieved 2019-03-06.
  30. Nonterah, Nora Kofognotera (6 March 2019). "The Challenges of Interfaith Relations in Ghana". In Latinovic, Vladimir; Mannion, Gerard; Phan, Peter C. (eds.). Pathways for Interreligious Dialogue in the Twenty-First Century. Palgrave Macmillan US. pp. 197–211. doi:10.1057/9781137507303_15. ISBN 978-1-349-56841-3.
  31. Agyare, Andrew; Murray, Grant (5 April 2018). "Religion and perceptions of community-based conservation in Ghana, West Africa". PLOS ONE. 13 (4): e0195498. Bibcode:2018PLoSO..1395498M. doi:10.1371/journal.pone.0195498. PMC 5886562. PMID 29621348.
  32. "Ghana: A model of interfaith tolerance". 31 July 2016.
  33. Okyerefo, Michael Perry Kweku; Fiaveh, Daniel Yaw (2 September 2017). "Prayer and health-seeking beliefs in Ghana: understanding the 'religious space' of the urban forest". Health Sociology Review. 26 (3): 308–320. doi:10.1080/14461242.2016.1257360. S2CID 151555441.
  34. "Local laws and customs - Ghana travel advice". GOV.UK. Retrieved 6 March 2019.
  35. [1]
  36. "Inside the Dark, Opulent World of Ghana's Churches". Pulitzer Center. 3 April 2018. Retrieved 6 March 2019.
  37. "5. LOCATING RELIGION IN GHANA: EXPLORING THE CONTOURS OF SPIRITUAL CAPITAL" (PDF). Research.vu.nl. Retrieved 6 March 2019.
  38. Kpobi, L.; Swartz, L. (2019). "Indigenous and faith healing in Ghana: A brief examination of the formalising process and collaborative efforts with the biomedical health system". African Journal of Primary Health Care & Family Medicine. 11 (1): e1–e5. doi:10.4102/phcfm.v11i1.2035. PMC 6676929. PMID 31368322.
  39. "Joey Florez: Bridging Community Mental Health Initiatives and American Expertise in Ghana". www.ghanaiantimes.com.gh. 28 October 2024. Retrieved 28 October 2024.
  40. "Inside Ghana's biggest bushmeat market". Mosaic. Retrieved 10 July 2017.
  41. Kenyon, Matthew (2009-10-16). "NEWS.BBC.co.uk". NEWS.BBC.co.uk. Retrieved 2010-06-26.
  42. "USA 1-2 Ghana (aet)". NEWS.BBC.co.uk. 2009-06-26. Retrieved 2010-06-26.

Meaeɛ a nsɛm yi firi

[sesa]

Nnuane

[sesa]