Galamsey
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Galamsey yɛ edin a Ghanafoɔ ankasa anwene de ato sika kɔkɔɔ a wɔtuo na ɛnfa mmara kwan so wɔ ɔman Ghana mu.[1] Saa asɛmfua yi firi brɔfo kasa "gather and sell " mu a wɔkyerɛ aseɛ wɔ Akan kasa mu sɛ "boaboa ano na tɔn".[2]Ɛkyerɛ sika kɔkɔɔ a nnipa tu wɔ mantam ahodoɔ a amanfoɔ boaboa sika kɔkɔɔ ano firi nsutene mu ne mfudeɛ asase so. Nanso seisei wɔnam akwan bɔne so na wɔtu saa sika kɔkɔɔ yi: mfidie ahodoɔ ne nnubɔne na wɔde tu sika kɔkɔɔ yi.[3]
Ne Su
[sesa]- Wɔde nneɛma binom te sɛ sɔfe na ɛtu amena nanso ɛnyɛ amena a ɛmu wa pii na wɔasi mu ahwehwɛ sika kɔkɔɔ no.[4]
- Ghana mmara mma ho kwan koraa sɛ ɔmanfoɔ de wɔn ho bɛhyɛ saa adwuma yi mu.
- Mpɛn pii no,wɔn a wɔyɛ saa galamsey no de nnuro binom te sɛ Mercury na ɛyi sika kɔkɔɔ no. Na ɛno sɛe nsuo ne mfudeɛ.
- Saa dwumadie yi nyɛ na koraa wɔ Ghana anaafoɔ fam ɛfiri sɛ saa beaeɛ yi na sika kɔkɔɔ wɔ pa ara. Na nnipa pii nso de ayɛ wɔn adwuma.
- Galamsey sɛe nsuo,mfudeɛ, na ɛde yareɛ nso ba ɛsiane nnubɔne a wɔde di ho dwuma no nti.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Dictionary.com | Meanings & Definitions of English Words (in English), retrieved 2025-07-15
- ↑ Galamsey - Definition, Meaning & Synonyms (in English), retrieved 2025-07-15
- ↑ Jonathan Otoo (2021), Understanding Discourse on the Galamseyer in Ghana: A Quantitative Content Frame Analysis (in English), retrieved 2025-07-15
- ↑ Richard Kumah (2022-12-01), "Artisanal and small-scale mining formalization challenges in Ghana: Explaining grassroots perspectives", Resources Policy, vol. 79, p. 102978, doi:10.1016/j.resourpol.2022.102978, ISSN 0301-4207, retrieved 2025-07-15