Gaana

Ɛfi Wikipedia
Revision as of 14:29, 26 Ɔbɛnem 2019 by Amire80 (kasa | mmoa) ({{Dialect|}})
Kyerɛ Twi kasa a atwerɛsɛm yi ɛwɔ mu. Kasa ahorow a wobɛtumi akyerɛ ɛne: Akuapem, Asante, Fante.
Frankaa

Ghana, ɛyɛ ɔman wɔ Abibiman. Kane no na yɛ frɛ ɔman no "Gold Coast" a ɛkyerɛ se Sika Mpoano. Na n'ahenkro no din de Nkran (Accra). Ghana nipa beyɛ Opepe Aduonu-awɔtwe ne akyire (over 28 million). Ghana yɛ ɔman a onyaa fawohodie kane wɔ Abibirem nyinaa wɔ Obubuo da a ɛtɔ so Nsia, Afe Apem, Aha Nkron Aduonum Nson (6th Ɔbɛnem 1957). Ɔman panyin a odii ɔman no anim maa yɛn nyaa fawohodie no ne Osagyefoɔ (Dokta)Okunini Kwame Nkrumah.

Nkuro akɛse no bi ɛne Kumasi, Oguaa (Cape Coast), Koforidua, Tema, Tamale, Sekondi (Sakune) Takorade. Kumasi yɛ Asantifoɔ ahenkuro. Asantihene, Otumifoɔ Osei Tutu a ɔtɔ so Mmienu (II) ɛne Ohenepɔn a sesei ɔte Sika Dwa Kofi (The Golden Stool) so. Na Ghana wɔ mantam beyɛ du, nanso seisei deɛ ɛyɛ du nsia.

Ɔman Panyin a odi Ghana so sesei no din de Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo. Ghanafoɔ pɛ asomdwoe na wɔ san so yɛ nkrofoɔ a wɔ suro Nyame. Ghana yɛ ɔman a ɔwɔ sika, ɛnam nneɛmapa a onya firi asaase no mu. Ghanafoɔ aniabue. Sesei Ghana asuapon (university), ɛyɛ ahorow pii.

Ebi yɛ KNUST , LEGON, UCC, UEW, UDS, UMAT ɛne nea ɛkekaho.